Numeri 6 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ahotuafoɔ ho mmara

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

21 Sa 1.11 Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa bi de ne ho kɔhyɛ ahotuafoɔ mu hyɛ bɔ sɛ ɔbɛtua ne ho adeɛ de ne ho ama AWURADE a,

3Luka 1.15 ɛnneɛ ɔntua ne ho bobesa ne nsa nyinaa; ɔnnnom bobesa a emu ka ne nsa a emu ka, na adeɛ biara a wɔde bobe aba ayɛ nso, ɔnnnom, na bobe aba mono ne dwane nso, ɔnnni;

4n’ahotua nna nyinaa mu, biribiara a wɔde bobe ho biribi ayɛ, ne nsoeɛ mu aba oo, ne hono oo, ɔnnni.

5 Ate 13.5 N’ahotua bɔhyɛ nna nyinaa mu no yiwan biara nnka ne ti; ɔnyɛ kronkron nkɔsi sɛ nna a ɔtuaa ne ho maa AWURADE no bɛwie duro; ɔnsi atimum.

6Nna a watua ne ho adeɛ ama AWURADE no, ɔnnkɔ efunu ho.

7Lew 21.11 N’agya ne ne na ne ne nuabarima ne ne nuabaa wuo mu mpo, ɔnnkɔgu ne ho fi, ɛfiri sɛ ne Nyankopɔn ahotua wɔ n’atifi.

8N’ahotua nna nyinaa ɔyɛ kronkron ma AWURADE.

9 Num 19.11 Na sɛ obi kɔwu mpofirim wɔ ne nkyɛn ma ɔgu n’ahotua tiri ho fi a, ɔnyi ne tiri n’ahodwira da a ɛne da a ɛtɔ so nson no mu.

10Lew 5.7 Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ ɔsɔfoɔ no ahyiaeɛ ntomadan no ano.

11Na ɔsɔfoɔ no mfa baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, na baako nso ɔmfa nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ɔmpata mma no sɛ efunu no nti wafom, na ɔnyɛ ne tiri kronkron bio da no ara.

12Na ɔntua ne ho adeɛ mma AWURADE n’ahotua nna no, na ɔmfa odwanten ba a wadi afe mmra mmɛbɔ asodie ho afɔdeɛ; na kane nna no ayera, ɛfiri sɛ n’ahotua no ho agu fi.

13Na yei ne ahotuafoɔ ho mmara: Ɛda a n’ahotua nna wie duro no, wɔmfa no mmra ahyiaeɛ ntomadan ano,

14na ɔmfa n’ayɛyɛdeɛ mmrɛ AWURADE; odwanten ba a wadi afe a ɔdi mu baako mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne odwammereɛ baako a wadi afe a ɔdi mu nso mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini baako a ɔdi mu mmɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ;

15ne apiti paanoo, esiam taterɛ a wɔde ngo afɔre, ne apiti ɔfam a wɔasra ho ngo kɛntɛn, ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa.

16Na ɔsɔfoɔ no mfa mmra AWURADE anim, na ɔmmɔ ne bɔne ne ne hyeɛ afɔdeɛ.

17Na ɔmfa odwennini no mmɔ AWURADE asomdwoeɛ afɔdeɛ nka apiti kɛntɛn no ho, na ɔsɔfoɔ no mmɔ n’aduane afɔdeɛ ne n’ahwiesa afɔdeɛ.

18Aso 18.18 Na ɔhotuafoɔ no nyi n’ahotua ti ahyiaeɛ ntomadan no ano, na ɔmfa n’ahotua tirinwi no ngu asomdwoeɛ afɔdeɛ no ase gya mu.

19Na ɔsɔfoɔ no mfa odwennini no basa a wɔanoa ne kɛntɛn no mu apiti taterɛ baako ne apiti ɔfam baako ngu ɔhotuafoɔ a wanya ayi n’ahotua no nsam;

20Lew 7.29-34 na ɔsɔfoɔ no nhim no ohim afɔdeɛ AWURADE anim, ɛyɛ kronkron ma ɔsɔfoɔ no, ɛne ohim yan ne mmasoɔ srɛ no; ɛno akyiri no ɔhotuafoɔ no nnom bobesa.

21Yei ne mmara a ɛda hɔ ma ɔhotuafoɔ a, n’ahotua nti, wahyɛ n’ayɛyɛdeɛ ho bɔ ama AWURADE, de ka deɛ ne nsa bɛso soɔ ho; sɛ ne bɔ a ɔhyɛeɛ no teɛ no, saa na ɔmfa n’ahotua mmara so nyɛ.

Nhyira a wɔmfa nhyira ɔman no

22Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

23Lew 9.22-23 Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Sɛdeɛ monhyira Israelfoɔ no nka nkyerɛ wɔn nie:

24Dwom 121 AWURADE nhyira wo, na ɔnhwɛ wo so;

25Dwom 80.3 AWURADE nte n’anim nkyerɛ wo, na ɔnnom wo;

26Dwom 69.16-17 AWURADE mma n’ani so nhwɛ wo, na ɔmma wo asomdwoeɛ.

27Na wɔmfa me din nto Israelfoɔ so, na me deɛ, mɛhyira wɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help