Mika 2 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Amimfoɔ nnue!

1 Dwom 36.4 Wɔnnue, wɔn a wɔdwene amumuyɛsɛm

ne wɔn a wɔsiesie bɔne, wɔn mpa soɔ;

anɔpa hann mu wɔyɛ,

ɛfiri sɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu,

2na wɔn ani bere mfuo, na wɔgye,

ne afie, na wɔfefa,

na wɔsi ɔbarima ne ne fie

ne onipa ne n’agyapadeɛ apempem.

3 Amos 5.13 Enti sɛ AWURADE seɛ nie:

Hwɛ, meredwene abusua yi ho asɛmmɔne bi a

morentumi nyiyi mo kɔn mfiri mu,

na morenyi akyea ahantan so nso,

na ɛbɛyɛ berɛ bɔne.

4Ɛda no wɔbɛbu mo ho bɛ

na wɔabe kwadwom sɛ:

Ade ayɛ yɛn!

Me man kyɛfa no, wasakyera.

Wagye afiri me nsam;

Atuateni na ɔkyɛ yɛn mfuo mu ma no yi.

5Enti worennya deɛ ɔde susuhoma bɛto wo kyɛfa soɔ,

AWURADE asafo mu.

6 Amos 7.16 Monnka adiyisɛm! Sɛdeɛ wɔkeka no ne no;

wɔnnka yeinom ho adiyisɛm;

ahohora remma.

7 Amos 6.3 Yakob fie, wɔnka sɛ

AWURADE honhom nni boasetɔ anaa?

Yeinom ne ne nneyɛɛ anaa?

Ɛnyɛ yie na me nsɛm yɛ

deɛ ɔnam tee no?

8Nanso mosɔre tia me man sɛ ɔtamfoɔ,

na moyi wɔn a wɔtwam dwoodwoo

a wɔmpɛ ko no

ho ntadeɛ so ngusoɔ.

9Mopamo me man mu mmaa

firi wɔn afie fɛfɛ mu,

na mogye wɔn animuonyam

firi mmɔtafowa hɔ koraa.

10Monsɔre na monkɔ!

Na ɛha nyɛ mo homebea,

efiguo a ɛde sɛeɛ

a ɛso ba no nti.

11Sɛ ɔbarima a ɔnam keka ahuhusɛm na ɔdaadaa di atorɔ

ka sɛ: Mɛka wo bobesa ne nsaden ho adiyisɛm, a,

ɔno na ɔbɛyɛ ɔman yi adiyisɛnkafoɔ!

Ɔgyeɛ ho bɔhyɛ

12 Hes 36.37 Boa na mɛboa mo nyinaa ano, Yakob,

nhyia na mɛhyia Israel nkaeɛ.

Mɛka wɔn mabom

sɛ nnwan wɔ nnwammuo mu,

sɛ mmoakuo wɔn didibea so;

nnipa dodoɔ a wɔyɛ hoo.

13 Yes 52.12 Otwafoɔ di wɔn anim reforo aba.

Wɔbɔ kirididi sene fa kuro pono mu,

na wɔfa mu firi adi bio.

Na wɔn hene sene di wɔn anim,

na AWURADE di wɔn kan.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help