1Me ba, mma wo werɛ mmfiri me mmara,
na ma w’akoma nni me mmara nsɛm so;
2 Mmb 4.10; Lew 18.5 ɛfiri sɛ onyinkyerɛ, nkwa mfeɛ ne asomdwoeɛ
na ɛde bɛka wo ho.
3 Mmb 6.21; 7.3; Deut 6.8; Yer 31.33 Mma adɔeɛ ne nokorɛ nnnyaa wo;
fa kyekyere wo kɔn,
twerɛ no w’akoma pono so.
4 Luka 2.52 Ɛnna wobɛnya adom ne nimdeɛ pa,
Nyankopɔn ne nnipa anim.
5Fa w’akoma nyinaa bata AWURADE ho,
na mfa wo ho ntwere w’ankasa wo nteaseɛ.
6Fa w’akwan nyinaa hyɛ ne nsa,
na ɔno na ɔbɛtene w’akwan.
7 Yes 5.21 Nyɛ w’ani so onyansafoɔ,
suro AWURADE, na dane firi bɔne ho.
8 Mmb 4.22 Ɛbɛyɛ ahoɔden ama wo honam,
ne nkwahosan ama wo nnompe.
9 Eks 23.19 Fa w’ahonyadeɛ hyɛ AWURADE animuonyam,
ne wo nnɔbaeɛ mu adikan nyinaa;
10ɛnna adedodoɔ bɛyɛ w’asan amaama,
na wo nsa-kyi-amena mu nsa foforɔ bɛbu soɔ.
11 Hiob 5.17-19; Heb 12.5-6 Me ba, mpo AWURADE nkyerɛkyerɛ,
na mma n’animka mmfono wo;
12 Adi 3.19 na deɛ AWURADE dɔ no na ɔka n’anim,
sɛdeɛ agya yɛ ne ba a ɔdɔ no no.
13 Mat 13.44 Nhyira ne onipa a ɔhunu nyansa,
ne onipa a ɔnya nteaseɛ.
14 Mmb 8.10, 19 Na emu adenya yɛ sene dwetɛ deɛ,
na ne mfasoɔ sene sika amapa.
15 Mat 13.45-46 Ne boɔ yɛ den sene mmota,
na afɛfɛdeɛ nyinaa, wɔmfa nto ho.
16 Mmb 3.2 Onyinkyerɛ wɔ ne nifa mu,
ne benkum kura adeɛ ne animuonyam.
17N’akwan yɛ akwan a ɛyɛ fɛ,
na n’asa nyinaa yɛ asomdwoeɛ.
18Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a wɔsɔ ne mu,
na nhyira ne deɛ ɔkura mu.
19 Mmb 8.24-30 AWURADE de nyansa na ɛhyɛɛ asase aseɛ,
ɔde nteaseɛ de ɔsoro tim hɔ;
20ne nimdeɛ so na abunu mu nsuo paeeɛ,
na mununkum sosɔ obosuo.
21Me ba, fa nyansa mapa ne adwempa sie,
mma no nnnane mfiri w’ani so,
22 Mmb 1.9 na ayɛ nkwa ama wo kra
ne animuonyam ama wo kɔn.
23Ɛno na wobɛnante wo kwan so dwoodwoo,
na wo nan ansunti.
24 Dwom 3.5; 4.8 Sɛ wokɔda a, woremmɔ binim,
na woda a, wo nna bɛyɛ dɛ.
25Nsuro mpofirim huyie
ne abɔnefoɔ sɛeɛ a ɛbɛba.
26 Mmb 10.29 Na AWURADE bɛyɛ w’ahodasodeɛ,
na ɔbɛkora wo nan afiri ɛkyerɛ mu.
27Mfa yieyɛ nkame deɛ ɛsɛ no,
berɛ a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no.
28Nka nkyerɛ wo yɔnko sɛ: Kɔ na bra!
ne: Ɔkyena mede bɛma,
berɛ a ɛwɔ wo hɔ.
29Mpam wo yɔnko ho apammɔne,
berɛ a ɔne wo te hɔ dwoodwoo no.
30Ɛne obi nnni ntɔkwasɛm kwa,
berɛ a ɔnyɛɛ wo bɔne biara no.
31Ntwe otirimuɔdenfoɔ ho ninkunu,
nanso nyi n’akwan mu biara.
32 Dwom 25.14 Na ɔkɔnkɔnsani yɛ AWURADE akyiwadeɛ,
na teefoɔ na ɔne wɔn ka atirimusɛm.
33AWURADE nnome wɔ ɔbɔnefoɔ fie,
na ɔhyira ateneneefoɔ tenabea.
34 Mmb 1.26; 1 Pe 5.5 Aane, ɔdi afɛdifoɔ ho fɛw,
na ɔdom ahobrɛasefoɔ.
35Anyansafoɔ bɛnya animuonyam adi,
na nkwaseafoɔ deɛ wɔbɛsoa ahohora.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.