Numeri 23 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Balak nkɔmhyɛ a ɛdi kan

1Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Sisi afɔrebukyia nson ma me wɔ ha, na pɛ anantwinini nson ne adwennini nson fa brɛ me ha.

2Na Balak yɛɛ sɛdeɛ Bileam ka kyerɛɛ no no; na Balak ne Bileam de nantwinini baako ne odwennini baako bɔɔ hyeɛ afɔdeɛ, afɔrebukyia no biara so.

3Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Kɔgyina wo hyeɛ afɔdeɛ no ho, na menkɔ. Ebia AWURADE bɛhyia me, na ade ko a ɔbɛma mahunu no, mɛka makyerɛ wo. Na ɔsii mu kɔɔ kokoɔ pataa bi so.

4Na Onyankopɔn bɛhyiaa Bileam, na Bileam kyerɛɛ no sɛ: Masisi afɔrebukyia nson, na mede nantwinini ne odwennini mabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ w’afɔrebukyia biara so.

5Na AWURADE de asɛm hyɛɛ Bileam anomu sɛ: Sane kɔ Balak nkyɛn, na sei na kasa.

6Na ɔsane kɔɔ ne nkyɛn, na hwɛ, na ɔgyina ne hyeɛ afɔdeɛ no ho, ɔno ne Moab atitire nyinaa.

7Na ɔkasaa sɛ:

Aram na Balak kɔfaa me firiiɛ,

Moabhene no faa me firii apueeɛ mmepɔ mu sɛ:

Bra bɛdome Yakob ma me,

na bɛbɔ Israel dua.

8Ɛbɛyɛ dɛn na mɛdome deɛ Onyankopɔn nnomee no no,

na ɛbɛyɛ dɛn na mɛbɔ deɛ AWURADE mmɔɔ no dua no dua?

9Abotan atifi na mefiri mehu no,

na nkokoɔ so na mefiri megyene no:

Hwɛ, ɔman a ne nko bɛtena nie,

na wɔremmu wɔn mfra wiase aman.

10 Gye 13.16; 31.8 Hwan na ɔbɛkan Yakob mfuturo

ne Israel abupɛn nnan mu baako dodoɔ?

Ma menwu ateneneefoɔ wuo,

na ma m’awie nyɛ sɛ wɔn deɛ.

11Ɛnna Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛdeɛn na wode ayɛ me yi? M’atamfoɔ nnome nti na mekɔfaa wo baeɛ, na hwɛ, nhyira na wohyira.

12Num 22.38 Na ɔbuaa sɛ: Ɛnyɛ deɛ AWURADE de hyɛ m’anomu no na ɛsɛ sɛ mehwɛ yie na meka?

Bileam nkɔmhyɛ a ɛtɔ so mmienu

13Na Balak ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnneɛ bra na yɛnkɔ faako a wobɛhu wɔn; wɔn fa nko na wobɛhunu, na worenhunu wɔn nyinaa; na dome wɔn ma me wɔ hɔ.

14Na ɔde no kɔɔ Sofim serɛ so Pisga bepɔ atifi, na ɔsii afɔrebukyia nson, na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no biara so.

15Na ɔka kyerɛɛ Balak sɛ: Gyina w’afɔrebukyia no ho ara, na me deɛ, merekɔ makɔhwɛ.

16Na AWURADE bɛhyiaa Bileam, na ɔde asɛm hyɛɛ n’anomu sɛ: Sane kɔ Balak nkyɛn, na sei na kasa.

17Na ɔbaa ne nkyɛn, na hwɛ, na ɔgyina ne hyeɛ afɔdeɛ no ho, na Moab atitire no ne no gyinagyina hɔ; na Balak ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na AWURADE kaeɛ?

18Na ɔkasaa mmebuo mu sɛ:

Sɔre, Balak, na tie;

yɛ aso ma me, Sipor ba.

19 1 Sa 15.29 Onyankopɔn nyɛ onipa, na wadi atorɔ,

anaa onipa ba, na wanu ne ho.

Ɔno deɛ, ɔbɛka asɛm bi na ɔrenyɛ,

anaasɛ ɔbɛkasa na ɔremma no ntim?

20Hwɛ, nhyira na manya;

wahyira, na merentumi mennane ani.

21Wanhunu amumuyɛ Yakob mu,

na wanhunu ɔhaw Israel mu.

AWURADE ne Nyankopɔn di n’akyi,

na ɔhene ho ahurisie wɔ ne mu.

22Onyankopɔn ayi wɔn afiri Misraim,

n’ahoɔden te sɛ ɛkoɔ deɛ.

23Ampa ara, adebisa nni Yakob mu,

na nkɔmhyɛ nni Israel mu:

Afei na wɔbɛka wɔ Yakob ne Israel ho sɛ:

Ɛdeɛn na Onyankopɔn ayɛ yi!

24 Num 24.9 Hwɛ, ɔman yi sɔre sɛ gyatabereɛ,

na ɔma ne ho so sɛ gyata:

Ɔremmutu, gye sɛ wadi bɔnam,

na wanom atɔfoɔ mogya ansa.

25Ɛnna Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Nnome wɔn koraa, na nhyira nso nhyira wɔn koraa.

26Num 23.12 Na Bileam bua ka kyerɛɛ Balak sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ: Biribiara a AWURADE bɛka no, ɛno na mɛyɛ anaa?

Bileam nkɔmhyɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa

27Na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Bra na memfa wo menkɔ baabi foforɔ, ebia ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani sɛ wobɛdome wɔn ama me wɔ hɔ.

28Num 25.3 Na Balak faa Bileam kɔɔ Peor atifi a ɛhwɛ anwea pradada no soɔ hɔ.

29Num 23.1 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Sisi afɔrebukyia nson ma me wɔ ha, na fa anantwinini nson ne adwennini nson brɛ me ha.

30Na Balak yɛɛ sɛdeɛ Bileam kaeɛ no, na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia biara so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help