Hesekiel 9 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yerusalem di nkoguo

1Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu guu m’aso mu sɛ: Ma kuro no so ahwɛfoɔ ntwe mpini, na obiara mfa n’akodeɛ a ɔde sɛe adeɛ nkura ne nsam.

2Hes 10.2; Dan 10.2 Na hwɛ, mmarima baasia firi atifi ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam kwan no so reba, wɔn kɔdiawuo nnadeɛ kurakura wɔn nsam, na ɔbarima baako wɔ wɔn mu a ɔhyɛ nwera, na ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene, na wɔbaa mu bɛgyinaa kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ho.

3 Hes 1.4-28 Na Israel Nyankopɔn animuonyam no firii Kerub a ɛwɔ soɔ no so baa ɛdan no pono ano, na ɔfrɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ a ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene no,

4Adi 7.3; 2 Pe 2.8 na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sene fa kuro no mu, Yerusalem mu na hyɛ nnipa a wɔsisi apini di akyiwadeɛ a wɔyɛ wɔ mu no ho abooboo no nyinaa moma so agyiraeɛ.

5Na wɔn a aka no, ɔka guu m’aso mu sɛ: Monkɔdi n’akyi mfa kuro no mu, na monkunkum; mommma mo ani nnnodo ho, na monnhunu mmɔbɔ.

61 Pe 4.17; Yer 25.29 Nkɔkoraa, mmeranteɛ ne mmabaa ne mmɔfra ne mmaa, monkum wɔn nsɛe wɔn; na obiara a wɔahyɛ no agyiraeɛ no deɛ, monnka no; na me kronkronbea hɔ na momfiri aseɛ. Ɛnna wɔfirii aseɛ, firi mpanimfoɔ a wɔwɔ efie no anim no soɔ.

7Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mongu efie no ho fi, na momfa atɔfoɔ nhyehyɛ abannwa no so ma ma; momfiri adi! Na wɔfirii adi kɔkunkumm wɔ kuro no mu.

8Hes 11.13 Na wɔkunkumm no, ɛkaa me nko ara. Na mede m’anim butuu fam, na meteaa mu sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, woresɛe Israel nkaeɛ nyinaa wɔ w’abufuhyeɛ a worehwie agu Yerusalem soɔ no mu anaa?

9 Hes 8.12 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Israel ne Yuda fie amumuyɛ no yɛ kɛseɛ pa ara, na mogya ayɛ asase no so ma, na ntɛnkyea ayɛ kuro no ma; na wɔka sɛ: AWURADE agya asase no, na AWURADE nhunu.

10Enti me nso m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; mede wɔn kwan bɛbua wɔn atifi.

11Na hwɛ, ɔbarima a wɔhyɛ nwera atadeɛ a ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene no de asɛm sane baa sɛ: Mayɛ sɛdeɛ wohyɛɛ me no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help