Nnwom 66 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nkwagyeɛ ho ayeyie dwomWɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dwom.

1Asase nyinaa, monni ahurisie mmɔ ose mma Onyankopɔn,

2monto dwom mma ne din animuonyam,

monhyɛ no animuonyam nyi no ayɛ.

3Monse Onyankopɔn sɛ: Wo nnwuma yɛ hu ampa.

Wo tumi kɛseɛ nti w’atamfo bɛkoto wo.

4Asase nyinaa bɛsɔre wo

na wɔato wo dwom,

wɔbɛto dwom ama wo din.

5Mommra mmɛhwɛ Nyankopɔn nneyɛɛ,

n’adeɛ a ɔyɛ de di nnipa mma soɔ yɛ hu.

6 Eks 14.21; Yos 3.17 Ɔmaa ɛpo danee asase pɛsɛɛ,

wɔde anammɔn twaa asu kɛseɛ,

ɛno nti yɛn ani gye ne ho.

7Deɛ ɔde ne tumi di hene daa no,

ɔwɔ amanaman ho ani.

Mma mansotwefoɔ mmma wɔn ho so.

8Aman, monhyira yɛn Nyankopɔn,

na momma wɔnte n’ayeyie yie.

9Ɔde yɛn aka ateasefoɔ ho,

na wamma yɛn nan anwati.

10 Mmb 17.3 Na wo, Onyankopɔn, na woakari yɛn ahwɛ,

woanane yɛn ahwɛ sɛ wɔnane dwetɛ hwɛ mu.

11Wode yɛn ahyɛ asau mu,

wode adesoa dompee asoa yɛn.

12 Yes 43.2 Woama ɔdasani anante yɛn tiri so,

yɛafa ogya ne nsuo mu,

nanso woayi yɛn aba deɛ nnepa abu soɔ hɔ.

13Mede ɔhyeɛ afɔdeɛ bɛkɔ wo fie,

mɛma wo m’aboadeɛ,

14deɛ mede mebuee m’ano,

ne deɛ m’ano kaa m’ahohia mu no.

15Mede nnwan a wɔadɔre

ne adwennini a ɛyɛ hwam bɛbɔ wo ɛhyeɛ afɔdeɛ,

mede anantwie ne mpapo bɛbɔ afɔdeɛ.

16Mo a mosuro Onyankopɔn nyinaa,

mommra mmɛtie, na mɛka deɛ wayɛ ama me.

17Mede m’ano mesu mefrɛɛ no,

na mede me tɛkyerɛma meyii no ayɛ.

18 Mmb 28.9; Yoh 9.31 Sɛ medi ahuhudeɛ akyiri m’akomam a,

anka AWURADE rentie me.

19Ampaneampa, Onyankopɔn atie me,

wayɛ aso atie me mpaebɔ.

20Nhyira ne Onyankopɔn

a wannane me mpaebɔ ani,

na wanyi n’adɔeɛ amfiri me soɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help