1Ɛsiane sɛ nnipa pii afa ato wɔn ho so sɛ wɔbɛkyerɛ nsɛm a aba mu wɔ yɛn ntam no nnidisoɔ nnidisoɔ,
2sɛdeɛ wɔn a wɔfiri mfitiaseɛ de wɔn ani hunuiɛ na wɔyɛɛ asɛm no ho asomfoɔ no de abrɛ yɛn no nti,
3
29Na n’akoma tuu n’asɛm no ho, na ɔdwenee ho sɛ: Nkyea bɛn ni?
30Na ɔbɔfoɔ no see no sɛ: Nsuro, Maria, na woanya Nyankopɔn hɔ adom.
31Yes 7.14; Mat 1.21-23 Na hwɛ, wobɛnyinsɛn, na woawo ɔbabarima, na woato ne din Yesu.
32 2 Sa 7.12-13 Ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ, na wɔafrɛ no deɛ Ɔwɔ Sorosoro no Ba;
na Awurade Nyankopɔn de n’agya Dawid ahennwa bɛma no.
33Na ɔbɛdi Yakob fie so hene daapem, na n’ahennie no to rentwa da.
34Na Maria see ɔbɔfoɔ no sɛ: Yei bɛyɛ dɛn na aba mu, ɛfiri sɛ mennim ɔbarima biara?
35Mat 1.18; 1.20 Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ:
Honhom Kronkron no bɛba wo so,
na Deɛ Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so;
enti na ade kronkron a wobɛwoɔ no, wɔbɛfrɛ no
Nyankopɔn ba.
36Na hwɛ, wo busuani Elisabet nso anyinsɛn ɔbabarima ne mmerewa berɛ mu; na deɛ wɔfrɛ no obonini no, yei ne ne bosome a ɛtɔ so nsia;
37Gye 18.14 ɛfiri sɛ Nyankopɔn fam deɛ, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ hɔ.
38Ɛnna Maria se: Hwɛ, Awurade afenaa ne me; ɛnyɛ mma me sɛdeɛ w’asɛm seɛ. Na ɔbɔfoɔ no gyaa no hɔ kɔe.
Maria kɔsra Elisabet39Na nna no mu ara, Maria de ahoɔherɛ sɔre kɔɔ mmepɔ so Yuda kuro no mu,
40na ɔkɔɔ Sakaria fie kɔkyeaa Elisabet.
41Luka 1.15 Na ɛbaa sɛ Elisabet tee Maria nkyea no, akɔkoaa no hurii ne yam; na Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma,
42Luka 1.28 na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Wɔahyira wo mmaa mu, na wɔahyira wo yam adeɛ!
43Na yei firi he sɛ m’Awurade ne na reba me nkyɛn yi?
44Na hwɛ, wo nkyea twaa m’aso mu ara pɛ, akɔkoaa no de ahosan hurii me yam.
45Luka 11.28 Na nhyira ne deɛ wagye adie, ɛfiri sɛ nsɛm a Awurade ama wɔabɛka akyerɛ no no bɛba mu.
Ayeyie dwom46 1 Sa 2.1-10 Na Maria kaa sɛ:
Me kra, kamfo Awurade,
47na m’agyenkwa Nyankopɔn ho na me honhom ho asane no;
48 Dwom 113.6-7; Luka 11.27 ɛfiri sɛ wahwɛ n’afenaa ohia asetena.
Na hwɛ, ɛfiri nnɛ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa bɛfrɛ me nhyira;
49ɛfiri sɛ Otumfoɔ no ayɛ adeɛ kɛseɛ ama me,
na ne din ne kronkron,
50 Dwom 103.13; 103.17 na ne mmɔborɔhunu wɔ wɔn a wɔsuro no so,
awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ nyinaa mu.
51 2 Sa 22.28 Ɔde ne basa ayɛ ahoɔdenneɛ;
wapansam wɔn a wɔyɛ ahantan wɔn akoma nsusuiɛ mu.
52 Dwom 147.6 Watu atumfoɔ afiri wɔn nhennwa so
na wapagya ahiafoɔ.
53 Dwom 34.10; 107.9 Ɔde nnepa ahyɛ wɔn a ɛkɔm de wɔn ma,
na wagya ahonyafoɔ kwan yafumpan.
54Wasɔ n’akoa Israel mu,
sɛ ɔde bɛkae ne mmɔborɔhunu,
55 Gye 17.7; 18.18 sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ yɛn agyanom no,
ama Abraham ne n’asefoɔ daa.
56Na Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ abosome mmiɛnsa; na ɔsane kɔɔ ne fie.
Osuboni Yohane awoɔ57Elisabet awoɔ duruu so, na ɔwoo ɔbabarima.
58Na n’afipamfoɔ ne n’abusuafoɔ tee sɛdeɛ Awurade ayɛ no adɔeɛ kɛseɛ no, wɔne no ani gyee.
59Gye 17.12 Na ɛbaa sɛ ne nnawɔtwe soɔ no, wɔbaa sɛ wɔrebɛtwa abɔfra no twetia. Na anka wɔde no reto n’agya Sakaria,
60Luka 1.13 nanso ne na kaa sɛ: Dabi, wɔmfrɛ no Yohane.
61Na wɔsee no sɛ: Obiara nni w’abusua mu a wɔfrɛ no saa.
62Na wɔde nsɛnkyerɛnneɛ bisaa n’agya edin a ɔpɛ sɛ wɔde to no.
63Na ɔgyee twerɛpono ketewa bi twerɛɛ so sɛ: Ne din ne Yohane. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa.
64Na n’ano buee, na ne tɛkyerɛma homa sanee amonom hɔ ara, na ɔkasa yii Onyankopɔn ayɛ.
65Na ehu kaa wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa, na wɔkekaa nsɛm yi nyinaa wɔ Yudea mmepɔ so nkuro nyinaa mu.
66Na wɔn a wɔteeɛ nyinaa de siee wɔn akoma mu kaa sɛ: Ɛdeɛn ara na abɔfra yi rebɛyɛ? Hwɛ, Awurade nsa wɔ ne so.
Nhyira dwom67Na n’agya Sakaria deɛ, Honhom Kronkron ahyɛ no ma, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ:
68 Luka 7.16 Nhyira ne Awurade, Israel Nyankopɔn,
ɛfiri sɛ wabɛhwɛ na wagye ne man;
69 Dwom 132.17 na wama nkwagyeɛ abɛn so ama yɛn
n’akoa Dawid fie,
70sɛdeɛ ɔde n’adiyifoɔ kronkron a wɔwɔ hɔ firi teteete no ano kaeɛ no,
71sɛ wɔnnye yɛn mfiri yɛn atamfoɔ ne wɔn a wɔkyiri yɛn nyinaa nsam;
72 Gye 17.7; Lew 26.42 sɛ ɔbɛhu yɛn agyanom mmɔbɔ,
na wakae n’apam kronkron no:
73 Gye 22.16-17; Mika 7.20 Ntam a ɔka kyerɛɛ yɛn agya Abraham
74 Tito 2.12; 2.14 sɛ ɔbɛma wɔayi yɛn afiri yɛn atamfoɔ nsam,
na yɛasom no a ehu nni mu,
75ahoteɛ ne tenenee mu
wɔ n’anim, yɛn nna nyinaa.
76 Mat 3.3 Na wo, abɔfra yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no diyifoɔ;
ɛfiri sɛ wobɛdi Awurade anim akɔsiesie n’akwan,
77 Yer 31.34 na wode nkwagyeɛ ho nimdeɛ ama ne man,
wɔ wɔn bɔne fakyɛ a
78 Num 24.17; Yes 60.1-2; Mal 4.2 ɛfiri yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛmaa ne yam hyehyee no no mu.
Ɛno nti na adekyeeɛ a ɛfiri soro abɛpue yɛn soɔ,
79 Yes 9.2 sɛ ɛbɛhyerɛn ama wɔn a wɔtete sum mu ne owuo sunsum aseɛ,
na wagye yɛn taataa akɔ asomdwoeɛ kwan so.
80 Mat 3.1 Na abɔfra no nyiniiɛ, na ɔnyaa honhom mu ahoɔden; na ɔtenaa serɛ so de kɔduruu da a ɔde ne ho kɔkyerɛɛ Israel.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.