1 1 Ah 4.29-32 Israelhene Salomo, Dawid ba no mmebusɛm nie:
2Sɛ nnipa mfa nhunu nyansa ne nkyerɛkyerɛ,
sɛ wɔmfa nhunu nhunumu nsɛm mu;
3sɛ wɔmfa nnye nimdeɛ nkyerɛkyerɛ,
tenenee, atemmuo ne adeɛ a ɛtene;
4sɛ wɔmfa nkyerɛ ntetekwaa aniteɛ,
aberanteɛ nso nimdeɛ ne adwempa:
5Na onyansafoɔ ntie, na ne nimdeɛ nnɔɔso,
na onimdefoɔ mfa nnya atɛmpa:
6Sɛ wɔmfa nhunu abebusɛm ne akasabebuo,
anyansafoɔ nsɛm ne wɔn mmɛ mu.
7 Mmb 9.10; Dwom 111.10; Hiob 28.28 AWURADE suro ne nimdeɛ mfitiaseɛ;
agyimifoɔ bu nyansa ne nkyerɛkyerɛ animtia.
8 Mmb 6.20 Me ba, tie w’agya akwankyerɛ,
na mpo wo na nkyerɛkyerɛ,
9 Mmb 4.9 na ɛyɛ wo tiri animuonyam abotire
ne wo kɔn mu ntweaban.
Nnyegyeɛ ho kɔkɔbɔ10Me ba, sɛ nnebɔneyɛfoɔ gyegye wo a,
mpene!
11Sɛ wɔse: Bra ma yɛnkɔ mogya ho adɛm,
ma yɛnkɔtɛ deɛ ɔdi bem kwa;
12ma yɛmmemene wɔn anikan sɛ Asamando,
ne amudifoɔ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu;
13yɛbɛnya adeɛ a ne boɔ yɛ den nyinaa,
yɛde asadeɛ bɛhyɛ yɛn afie ma.
14Fa wo kyɛfa bɛbɔ yɛn deɛ mu,
yɛn nyinaa bɛnya kotokuo baako.
15Me ba, wo ne wɔn nnnante ɔkwan so.
Twe wo nan firi wɔn sa so.
16Na wɔn nan tu mmirika kɔ bɔne mu,
na wɔyɛ ntɛm hwie mogya gu.
17Na kwa ara na wɔasum fidie
ntakraboa nyinaa anim.
18Nanso wɔn ara wɔn mogya ho na wɔkɔ adɛm,
wɔtɛ wɔn ara wɔn kra.
19Saa na amim mu mfasopɛfoɔ nyinaa akwan teɛ,
ɛfa ne wuranom kra kɔ.
Asoɔden ho asotwe20Nyansa team mmorɔno so,
ɔma wɔte ne nne mmɔntene so;
21 Mmb 8.1 ɔteam adwabirem tire,
kuro mu, kuro apono ano, ɔka ne nsɛm sɛ:
22Da bɛn ara na mo ntetekwaa mobɛpɛ ntetekwaasɛm akɔsie?
Na afɛdifoɔ bɛpɛ wɔn afɛdie,
na nkwaseafoɔ akyiri nimdeɛ?
23Monnane mo ho mma me kasakyerɛ.
Hwɛ, mɛworo me honhom ama mo,
mɛma moahunu me nsɛm.
24 Yes 65.2, 12 Sɛ mafrɛ, na mokame,
matene me nsam, na obi mfa nyɛ hwee,
25na moto m’afotuo nyinaa twene,
na me kasakyerɛ no, mompɛ nti,
26 Mmb 3.34 me nso mɛsere mo mo amaneɛ mu,
mo ahopopoɔ bɛba no, mɛyi mo ahi.
27Mo ahopopoɔ ba sɛ aprannaa,
na mo amaneɛ ba sɛ ahum,
ahohiahia ne ahokyere ba mo so a,
28 Yes 59.2; Mika 3.4 ɛno na wɔbɛfrɛ me, na merennye so,
wɔbɛhwehwɛ me nhema, na wɔrenhu me.
29Ɛsiane sɛ wɔkyiri nimdeɛ,
na wɔampɛ AWURADE suro,
30wɔampɛ m’afotuo,
na wɔpoo me kasakyerɛ nyinaa,
31 Yes 3.10-11 enti wɔbɛdi wɔn kwan so aba,
na wɔn agyina a wɔtutuiɛ amee wɔn.
32 Mmb 8.36 Na ntetekwaa akyirisan bɛku wɔn,
na nkwasea yiedie bɛsɛe wɔn.
33 Mmb 8.34 Na deɛ ɔtie me no deɛ ɔbɛtena hɔ komm,
na ne ho adwo no a ɔnsuro mmusuo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.