Hesekiel 7 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Onyankopɔn bu asase ne aman no atɛn

1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2Wo onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ Israel asase nie:

Awieeɛ! awieeɛ na ɛreba

asase no ntwea nnan soɔ.

3Afei awieeɛ reba wo so,

na mɛsoma m’abufuo aba wo so,

na mabu wo w’akwan ho ntɛn,

na mede w’akyiwadeɛ nyinaa bɛba wo so.

4Na m’ani renni wo ho adɔna, na merenhunu wo mmɔbɔ,

na w’akwan na mɛma no aba wo soɔ,

na w’akyiwadeɛ atena wo mu,

na moahunu sɛ mene AWURADE.

5Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Adebɔne, adebɔne baako bi, hwɛ, ɛreba!

6Awieeɛ aba, awieeɛ no aba,

asɔre atia wo, hwɛ ɛreba!

7 Yoel 1.15 Asase soteni, deɛ wɔahyɛ no

reba wo so;

ɛberɛ no aduru, ɛda no abɛn,

hooyɛ berɛ, na ɛnyɛ mmepɔ so anigyeɛ huro!

8Afei ɛrenkyɛre na mahwie m’abufuhyeɛ agu wo so,

na mawie m’abufuo wo mu,

na mabu wo w’akwan ho atɛn,

na mɛtea wo wɔ w’akyiwadeɛ nyinaa ho.

9Na m’ani rennodo wo ho, na merenhunu wo mmɔbɔ;

w’akwan ho ntea na mede bɛma woɔ,

na w’akyiwadeɛ atena wo mu,

na moahunu sɛ me, AWURADE na mebobɔ.

10 Yes 10.5 Hwɛ, ɛda no nie, hwɛ, ɛreba;

deɛ wɔahyɛ no refifi,

aban no refefɛ, ahantan no ahanehane.

11Atiritirasɛm asɔre ayɛ abɔnefosɛm abaa;

wɔn ne wɔn asafo yuu

ne wɔn hooyɛ no mu hwee nka,

na yie biara nni wɔn mu.

12Ɛberɛ no aba, ɛda no rebɛn;

mma ɔdetɔfoɔ ani nnnye na ɔdetɔnfoɔ nnni abooboo,

na abufuhyeɛ no aba n’asafo yuu nyinaa so;

13 Lew 15.2; Yer 48.37 na ɔdetɔnni, sɛ ɔda so te ase nso a, ɔrensane mma deɛ watɔn no ho, na adehunu a ɛfa n’asafo yuu nyinaa ho no rensane, na obiara remfa n’amumuyɛ nhyɛ ne nkwa mu den.

14Wɔhyɛne totorobɛnto na wɔsiesie ade nyinaa deɛ,

nanso deɛ ɔkɔ ɔsa nni hɔ;

na m’anibereɛ ba wɔn asafo yuu nyinaa so.

15Nkrantɛ wɔ mfikyire, na owuyadeɛ ne ɛkɔm wɔ efie.

Deɛ ɔwɔ wiram bɛwu nkrantɛ ano,

na deɛ ɔwɔ kuro mu no, ɛkɔm ne owuyadeɛ bɛkum no.

16Na wɔn mu adwanefoɔ firi mu a,

wɔbɛkɔ akɔtena mmepɔ so,

na wɔn nyinaa ayɛ sɛ mmonhwa mu mmuburo a wɔsisi apini,

obiara n’amumuyɛ ho.

17Nsa nyinaa mu bɛgogo,

na nkotodwe nyinaa ahono sɛ nsuo;

18na wɔafirafira ayitoma,

na awɔse agu wɔn so;

na aniwuo akata anim nyinaa, na wɔn nyinaa atifi bɛpa.

19 Mmb 11.4; Sef 1.18 Wɔbɛtoto wɔn dwetɛ agugu mmorɔno so,

na wɔn sika adane sɛ sumina;

wɔn dwetɛ ne wɔn sika rentumi nnye wɔn AWURADE abufuo da no mu, wɔremfa mma wɔn kra mmee, na wɔremfa nhyɛ wɔn ayamdeɛ mu mama, ɛfiri sɛ ɛyɛɛ wɔn amumuyɛ ho suntidua.

20Na wɔn ahokekadeɛ fɛfɛ no, wɔde dii ahantansɛm, na wɔde yɛɛ wɔn akyiwadeɛ mfonini, wɔn atantanneɛ no, ɛno nti na mɛma no adane efi ama wɔn.

21Na mede bɛhyɛ ananafoɔ nsa, na wɔafom,

ne asase so abɔnefoɔ nsa, na ayɛ wɔn asadeɛ,

na wɔagu ho fi.

22Na mɛdane m’ani afiri wɔn so,

na wɔagu m’akoradeɛ ho fi,

na adwotwafoɔ bɛhyɛne mu

agu ho fi.

23Yɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn!

Na mogya ho atemmuo ayɛ asase no ma,

na atirimuɔden ahyɛ kuro no ma;

24enti mede amanaman nnipa bɔne bɛba,

na wɔbɛfa wɔn afiafi afa,

na mɛtwa ahoɔdenfoɔ ahantan to

ma wɔagu wɔn akronkronneɛ ho fi.

25Ɔsɛeɛ reba; na wɔhwehwɛ asomdwoeɛ,

nso ebi nni hɔ.

26Mmusuo pae mmusuo so,

akwansosɛm pae akwansosɛm so.

Na wɔhwehwɛ odiyifoɔ hɔ adehunu,

na mmara bɔ ɔsɔfoɔ,

na afotuo bɔ mpanimfoɔ.

27Ɔhene di abooboo,

na ɔberempɔn fira ahodwirie,

na asase no so aman aba mu abu.

Wɔn akwan ho adeɛ na mɛyɛ wɔn,

na wɔn atemmudeɛ na mede bɛbu wɔn atɛn,

na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help