Nnwom 139 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Onyankopɔn yɛ honhomWɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.

1 Dwom 139.23; 7.9 AWURADE, wohwehwɛ me mu, na wohu me.

2 Yer 17.10 Wo na wonim m’asetena ne me sɔreɛ,

wohunu m’adwene mu akyirikyiri.

3Wohwehwɛ me nanteɛ ne me nna mu,

na wonim m’akwan nyinaa mu yie.

4Na asɛm biara nni me tɛkyerɛma so

gye deɛ wo, AWURADE, wonim ne nyinaa no.

5Woaka me ahyɛm, m’akyiri ne m’anim,

na wode wo nsa ato me so.

6Saa nimdeɛ yi yɛ me nwanwa dodo,

ɛkɔ soro dodo, mentumi nnuru koraa.

7Ɛhe na mɛfiri wo honhom no anim madwane makorɔ?

Na ɛhe na mɛfiri w’anim madwane makorɔ?

8 Amos 9.2 Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ,

na mpo mekɔsɛ me kɛtɛ Asamando a, woni!

9 Yona 1.3 Sɛ mefa adekyeeɛ ntaban metu

mekɔtena ɛpo akyiri nohoa a,

10ɛhɔ nso na wo nsa bɛkɔ akɔgya me,

na wo nifa bɛsɔ me mu.

11 Hiob 34.22 Na sɛ mese: Esum nko mmɛkata me so

na me ho hann nnane anadwo a,

12 Yak 1.17 esum nso nnuru sum mma wo,

na anadwo hran sɛ awia,

esum ne hann yɛ wo pɛ.

13Na wo na wobɔɔ me sawa,

wonwonoo me, me na yam.

14Meda wo ase sɛ woyɛɛ me maa no yɛɛ hu ne nwanwa,

wo nneyɛɛ yɛ nwanwa,

na me kra nim saa yie.

15 Ɔsɛ 11.5 Me nnompe anhunta wo,

berɛ a wɔyɛɛ me ahuntaeɛ mu

na wɔnwonoo me asase mu tɔnn no.

16 Hiob 14.5 Meyɛ mogya toa nko no,

w’ani hunuu me,

na wo nwoma mu, wɔatwerɛ ne nyinaa,

nna a wɔahyɛ asie

na emu baako pɛ nnya mmaeɛ no.

17 Yes 55.9 Na me deɛ, Onyankopɔn,

sɛdeɛ w’adwene boɔ si yɛ me den!

Sɛdeɛ ɛsi dɔɔso!

18 Dwom 40.5; 63.6 Sɛ merekan a, ɛdɔɔso sene anwea,

menyane a, meda so mewɔ wo ho ara.

19Onyankopɔn, sɛ wobɛkum abɔnefoɔ

na mogyapɛfoɔ afiri me so akɔ ɛ!

20Wɔn a wɔkasa tia wo mmusuo mu

ne w’atamfo a wɔbɔ wo din ahuhudeɛ mu no.

21AWURADE, wɔn a wɔtane woɔ no, mentane wɔn anaa?

Na wɔn a wɔsɔre tia woɔ no, me werɛ nho wɔn anaa?

22Mede ɔtane pa metane wɔn,

mebu wɔn m’atamfoɔ.

23 Dwom 139.1 Onyankopɔn, hwehwɛ me mu, na hunu m’akoma,

sɔ me hwɛ, na hunu m’adwene,

24 Dwom 27.11 na hwɛ sɛ amaneɛ kwan bi wɔ me hɔ,

na gya me kɔ daa kwan so!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help