Hiob 17 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

1M’ahome asa, me nna ahi,

damena na ɛwɔ hɔ ma me.

2Ampa ara ahiyifoɔ na wɔne me wɔ hɔ,

na m’ani tua wɔn ntɔkwapɛ.

3 Hiob 16.19 Si awowa ɛ, di me agyinamu wo ara w’anim.

Hwan na ɔbɛgyina m’akyire?

4Na wode nimdeɛ ahunta wɔn akoma,

enti woremma wɔn so.

5Deɛ ɔpa ne nnamfo de nya kyɛfa bie no,

ne mma bɛhwere saa kyɛfa no.

6 Hiob 30.9 Na ɔde me ayɛ aman akasabebuo,

na wɔahinam m’ani so ntasuo.

7 Dwom 6.7 M’awerɛhoɔ nti m’ani so asi,

na me ho ade nyinaa ayɛ sɛ sunsum.

8Teefoɔ ho dwiri wɔn yei ho,

na deɛ ɔdi bem no bo huru ɔkɔnkɔnsani.

9Nanso ɔteneneeni bɛkura ne kwan mu,

na deɛ ne nsa ho teɛ no bɛkɔ so anya ahoɔden.

10Na mo nyinaa, monsane mmra ɛ!

Nanso merenhunu mo mu nyansafoɔ biara.

11Me nna atwam, wɔatwitwa m’atirimpɔ mu,

m’akoma adeɛ a ɛpɛ no mu.

12Wɔde anadwo yɛ awia;

wɔse: Hann bɛn deɛ esum wɔ.

13Sɛ mede Asamando yɛ me fie,

na meto me mpa esum mu,

14 Hiob 4.19 na mese Amena sɛ: M’agya ne wo,

ne mmoaa sɛ: Me na ne me nuabaa ne mo, a,

15na afei, ɛhe na m’anidasoɔ wɔ?

Na deɛ m’ani da soɔ no, hwan na ɔbɛhunu?

16Ɛbɛsiane akɔ Asamando adaban mu

berɛ a yɛn nyinaa home wɔ mfuturo mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help