Yeremia 33 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Wɔgye wɔn firi Babel nsam

1 Yer 32.2 Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn tiaa mprenu, berɛ a na ɔda so da duam awɛmfoɔ abannwa mu hɔ sɛ:

2Sei na AWURADE a ɔyɛ adeɛ yi, AWURADE a ɔsiesie ma no si hɔ no, a AWURADE ne ne din no seɛ:

3Frɛ me, na mɛgye wo so, na maka wo nsɛm akɛseɛ ne nnoɔma a ahunta a wonhunuiɛ.

4Yes 22.10 Na sei na AWURADE Israel Nyankopɔn no ka no kuro yi mu adan ne Yuda ahemfo adan a epie ne afena nti wɔburiiɛ no ho:

5Wɔreba ne Kaldeafoɔ abɛko, na wɔde nnipa a mekumm wɔn m’abufuo ne m’abufuhyeɛ mu, na wɔn bɔne nyinaa nti, mede m’ani mahunta ɔman yi no afunu abɛhyɛ hɔ ma.

6Hwɛ, me ara mede adeɛ ne nnuro bɛkyekyere ne kuro so, na masa wɔn yadeɛ, na matue asomdwoeɛ ne nokorɛ a ɛboro soɔ ama wɔn.

7Yer 29.14; 30.3 Na mede Yuda nnommum ne Israel nnommum bɛsane aba bio, na mede wɔn asi hɔ sɛ akane no,

8Yer 31.34 na mɛte wɔn ho afiri wɔn amumuyɛ a wɔde ayɛ me bɔne no nyinaa mu, na mede wɔn amumuyɛ a wɔde ayɛ me bɔne na wɔde afom me no nyinaa makyɛ wɔn.

9Na kuro yi bɛdane me ahosan din, ayeyie ne animuonyam, asase so amanaman a wɔbɛte yie a mereyɛ wɔn no nyinaa nti, na wɔn akoma bɛtu, na wɔn ho apopo papa nyinaa ne asomdwoeɛdeɛ nyinaa a mɛyɛ mama no no ho.

10Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛha yi a moka sɛ asɛeɛ, a onipa ne aboa nni hɔ bio, Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmorɔno a ɛdeda mpan, a onipa ne okuromani ne aboa biara nni soɔ no so,

11Yer 7.34; Dwom 106.1; Esra 3.11 na wɔbɛte ahosan nne ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, wɔn a wɔka sɛ:

Monkamfo asafo AWURADE,

na AWURADE yɛ,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa,

no nne, ne wɔn a wɔde aseda ba AWURADE fie no nne bio, na mede asase no nnommum bɛsane aba sɛ akane no, AWURADE na ɔseɛ.

12Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ɛha yi a asɛeɛ, a onipa ne aboa nni mu no, ne ɛso nkuro nyinaa mu na ɛbɛdane nnwanhwɛfoɔ a wɔma wɔn nnwan butubutu hɔ no adidibea bio,

13Yer 32.44 mmepɔ so nkuro, Sefela nkuro ne Negeb nkuro mu ne Benyamin asase so ne Yerusalem ho ne Yuda nkuro mu na nnwan bɛfa ɔkanfoɔ nsa ase atwam bio, AWURADE na ɔseɛ.

Dawid daakye aseni

14Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛma asɛmpa a mekaa no Israel fie ne Yuda fie ho no aba mu.

15Yer 23.5; Yes 4.2 Nna no mu ne berɛ no mu na mɛma tenenee ban afefɛ ama Dawid, na wabu atɛntenenee, ayɛ ade tenenee asase so.

16Yer 23.6; Deut 33.28 Nna no mu na wɔbɛgye Yuda, na Yerusalem atena ase dwoodwoo, na deɛ wɔde bɛfrɛ no nie: AWURADE yɛn tenenee.

17 2 Sa 7.12; 1 Ah 9.5 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔbarima a ɔbɛtena Israel fie adwa soɔ remmɔ Dawid da.

18Na asɔfoɔ, Lewifoɔ no nso, ɔbarima a ɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wahye aduane ayɛyɛdeɛ na wabɔ okum afɔdeɛ nna nyinaa remmɔ wɔn wɔ m’anim.

Nyankopɔn daa apam

19Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ:

20Yer 31.35-36 Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ mobɛtumi abubu m’awia apam ne m’anadwo apam no, na awia ne anadwo amma ne berɛ mu a,

21ɛno ansa na wɔbɛbubu me ne m’akoa Dawid apam nso, na wannya ɔba a ɔbɛtena n’adwa so adi hene, ne me ne Lewifoɔ, asɔfoɔ a wɔyɛ m’asomfoɔ no, deɛ no nso.

22Gye 15.5; 22.17 Sɛdeɛ wɔntumi nkan ɔsoro asafo na wɔntumi nsusu mpoano anwea no, saa ara na mɛma m’akoa Dawid asefoɔ ne Lewifoɔ a wɔyɛ m’asomfoɔ no adɔre.

23Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ:

24Wonhunuu deɛ ɔman yi reka sɛ: Mmusua mmienu a AWURADE yiiɛ no, wapo wɔn, no anaa? Na wɔbu me man animtia, sɛ wɔnnyɛ wɔn ani so ɔman bio.

25Yer 33.20 Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ manhyɛ me ne awia ne anadwo apam ne ɔsoro ne asase ahyɛdeɛ no pintinn a,

26Yer 32.44 ɛno ansa na anka mɛpo Yakob asefoɔ ne m’akoa Dawid nso, na mamfa n’asefoɔ mu nnipa a wɔbɛsi Abraham ne Isak ne Yakob asefoɔ soɔ. Na mede wɔn nnommum bɛsane aba, na mahu wɔn mmɔbɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help