Yona NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

NHYƐNMUOdiyifoɔ Yona nwoma yi nte sɛ adiyifoɔ a aka no deɛ wɔ Twerɛ Kronkron no mu. Mmom ɛkyerɛkyerɛ ahokyere bi a odiyifoɔ a ɔpɛɛ sɛ ɔyɛ asoɔden no kɔɔ mu. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ɔnkɔ Ninewe a ɛyɛ ahenkuro ma Asiria ahemman kɛseɛ no, na wɔsane yɛ Israelfoɔ atamfoɔ a wɔn ho yɛ hu no mu. Nanso Yona ampɛ sɛ ɔde Onyankopɔn asɛm no kɔ hɔ, ɛfiri sɛ na ɔnim sɛ Onyankopɔn remma n’atirimbɔ sɛ ɔbɛsɛe kuro no mma mu. Ahoyera a ɛyɛ hu pii akyi no, ɔde amemenemfe kɔe, na akyire yi n’abasam tui ɛberɛ a ɔhunuu sɛ n’asɛnka a ɛka sɛ ɔsɛeɛ reba no amma mu no.Nwoma no yi Onyankopɔn tumi sononko adi wɔ n’abɔdeɛ so. Ne nyinaa akyi no, ɛyii Onyankopɔn adi sɛ ɔwɔ ɔdɔ ne ayamyɛ a ɔde bɔne kyɛ na ɔgye ne nkurɔfoɔ atamfoɔ nkwa, sene sɛ ɔbɛsɛe wɔn.EMU NSƐMYona frɛ ne n’asoɔden 1.1-17Yona ahonu ne ne gyeɛ 2.1-10Yona kasa tia Ninewe 3.1-10Onyankopɔn hu Ninewe mmɔbɔ 4.1-11
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help