Gyenesis 11 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Babel abantenten no

1Na asase nyinaa sofoɔ yɛ anokorɔ kasa kasa korɔ.

2Na wɔtuu kwan faa apueeɛ no, wɔhunuu asasetam bi wɔ Sinear asase so, na wɔtenaa hɔ.

3Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Wiɛ, momma yɛnyɛ ntaayaa, na yɛnto! Na ntaayaa no yɛɛ wɔn aboɔ, na ama yɛɛ wɔn dɔteɛ.

4Ɛnna wɔkaa sɛ: Wiɛ, momma yɛnkyekyere kuro, na yɛnto abantenten a n’atifi bɛduru soro, na yɛmfa nnye din, na yɛanhwete asase nyinaa ani.

5 ɛfiri sɛ ɛhɔ na AWURADE yɛɛ asase nyinaa kasa basabasa. Ɛfiri hɔ na AWURADE bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani.

Sem awoɔ ntoatoasoɔ(1 Berɛsosɛm 1.24-27)

10 1 Be 1.24-27; Gye 10.22; Luka 3.36 Yeinom ne Sem awoɔ ntoatoasoɔ: Sem dii mfirinhyia ɔha na ɔwoo Arfaksad, nsuyire no akyiri mfeɛ mmienu.

11Na Sem woo Arfaksad no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanum na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

12Na Arfaksad dii mfirinhyia aduasa nnum na ɔwoo Sela.

13Na ɔwoo Sela no akyi no, ɔdii mfeɛ ahanan ne mmiɛnsa, na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

14Na Sela dii mfirinhyia aduasa na ɔwoo Eber.

15Na Sela woo Eber no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanan ne mmiɛnsa na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

16Na Eber dii mfirinhyia aduasa nnan na ɔwoo Peleg.

17Na ɔwoo Peleg no akyi no, ɔdii mfeɛ ahanan aduasa na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

18Na Peleg dii mfirinhyia aduasa na ɔwoo Reu.

19Peleg woo Reu no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanu ne nkron na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

20Na Reu dii mfirinhyia aduasa mmienu na ɔwoo Serug.

21Na Reu woo Serug no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanu ne nson, na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

22Na Serug dii mfirinhyia aduasa na ɔwoo Nahor.

23Na Serug woo Nahor no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanu na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

24Na Nahor dii mfirinhyia aduonu nkron na ɔwoo Tera.

25Na Nahor woo Tera no akyiri no, ɔdii mfeɛ ɔha ne dunkron na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

26Na Tera dii mfirinhyia aduɔson na ɔwoo Abram, Nahor ne Haran.

Abram agya Tera awoɔ ntoatoasoɔ

27Na yeinom ne Tera awoɔ ntoatoasoɔ: Tera woo Abram, Nahor ne Haran, na Haran woo Lot.

28Na Haran wuu n’agya Tera anim, asase a wɔwoo no soɔ no so, ɛne Ur a ɛwɔ Kaldea.

29Gye 22.20 Na Abram ne Nahor waree yerenom, Abram yere din de Sarai, na Nahor yere din de Milka a ɔyɛ Haran babaa. Na Haran yɛ Milka ne Iska agya.

30Na Sarai yɛ obonini, na ɔnni ba.

31 Yos 24.2; Neh 9.7 Na Tera faa ne ba Abram ne ne nana Lot, a ɔyɛ Haran ba, ne n’ase Sarai, ne ba Abram yere, na ɔne wɔn firii Ur a ɛwɔ Kaldea sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na wɔduruu Haran no, wɔtenaa hɔ.

32Na Tera nna yɛ mfeɛ ahanu ne nnum, na Tera wuu wɔ Haran.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help