Yeremia 38 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yeremia wɔ asiane kɛseɛ mu

1 firi ha ka wo ho, na kɔyi Odiyifoɔ Yeremia abura no mu ansa na wawu.

11Na Ebed-melek faa mmarima no kaa ne ho, na ɔsii mu kɔɔ ahemfie, adekorabea ase kɔtasee ntomago ne ntoma a asunsuane, na wɔde ntampehoma kyekyeree to maa Yeremia abura no mu.

12Na Etiopiani Ebed-melek ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Fa ntomago ne ntoma a asunsuane no hyehyɛ wo mmɔtoam, ntampehoma no ase. Na Yeremia yɛɛ saa.

13Na wɔde ntampehoma no twee Yeremia yii no firii abura no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfoɔ abannwa mu hɔ.

Yeremia ne ɔhene no nkɔmmɔbɔ

14Na Ɔhene Sedekia soma maa wɔkɔfaa Odiyifoɔ Yeremia baa ne nkyɛn, AWURADE fie aboboɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa no ano, na ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Merebɛbisa wo asɛm bi; nsi me biribiara so.

15Na Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: Sɛ meka kyerɛ wo a, ɛnyɛ kum na wobɛku me? Nanso sɛ metu wo fo a, worentie me.

16Na Ɔhene Sedekia kaa Yeremia ntam kokoam sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyɛɛ ɔkra yi maa yɛn no te aseɛ yi, merenku wo, na meremfa wo nhyɛ mmarima a wɔrehwehwɛ wo akum woɔ no nsa!

17Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: Sɛ AWURADE asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Sɛ wofiri adi kɔ Babel hene mmapɔmma no nkyɛn a, wɔrenkum wo, na wɔremfa ogya nhye kuro yi, na wo ne wo fie bɛnya nkwa.

18Na sɛ woamfiri adi ankɔ Babel hene no mmapɔmma no nkyɛn a, ɛnneɛ wɔde kuro yi bɛhyɛ Kaldeafoɔ no nsa, na wɔde ogya ahye, na wo nso, woremfiri wɔn nsam mfi.

19Na Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Me deɛ, mesuro Yudafoɔ a wɔawae akɔ Kaldeafoɔ no nkyɛn no, sɛ ebia wɔde me bɛhyɛ wɔn nsa, na wɔagoro me ho.

20Na Yeremia se: Wɔrenyi wo mma. Tie AWURADE ɛ, sɛdeɛ mereka makyerɛ woɔ yi, na asi wo yie, na wo kra anya nkwa.

21Na sɛ woampene, amfiri adi deɛ a, yei ne asɛm a AWURADE ayi akyerɛ me:

22Yer 6.14 Hwɛ, mmaa a wɔaka Yuda ahemfie no nyinaa, wɔbɛfa wɔn afiri adi akɔ Babel hene mmapɔmma no nkyɛn, na wɔbɛka sɛ: Wo nnamfo adaadaa wo afa wo so; afei a wo nan hyehyɛ atɛkyɛ mu yi, wɔasane wɔn akyi.

23Yer 32.4; 34.3 Na wo yerenom nyinaa ne wo mma nso, wɔde wɔn bɛfiri adi akɔma Kaldeafoɔ no, na wo nso, woremfiri wɔn nsa mfi, na Babel hene nsa bɛsɔ wo mu, na wɔde ogya bɛhye kuro yi.

24Ɛnna Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Mma obiara nnte nsɛm yi, na worenwu.

25Na sɛ mmapɔmma no te sɛ me ne wo akasa, na wɔba wo nkyɛn bɛka kyerɛ wo sɛ: Ka deɛ woka kyerɛɛ ɔhene no kyerɛ yɛn, nsi yɛn biribiara so na yɛanku wo, na asɛm bɛn nso na ɔhene ka kyerɛɛ woɔ?

26Ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Mede me nkotosrɛ mehwee ɔhene anim, sɛ ɔmmma wɔmmfa me nnkɔ Yonatan fie bio, na mankɔwu wɔ hɔ.

27Na asafohene no nyinaa baa Yeremia nkyɛn bɛbisaa no, na ɔkaa nsɛm a ɔhene hyɛɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn. Ɛnna wɔne no gyaee kasa, ɛfiri sɛ na obiara ntee asɛm no.

28Yer 37.21 Na Yeremia tenaa awɛmfoɔ abannwa mu, na na ɔwɔ hɔ ara kɔsii da a wɔfaa Yerusalem no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help