1Na Israelfoɔ no too ahyiradeɛ no ho mmara, na Sera ba Sabdi ba Karmi ba Akan a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no faa ahyiradeɛ no bi, na AWURADE bo fuu Israelfoɔ no.
2Na Yosua somaa mmarima bi firi Yeriko kɔɔ Ai a ɛwɔ Bet-awen ho, Betel apueeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔsra asase no. Na mmarima no kɔ kɔsraa Ai.
3Na wɔsane baa Yosua nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Mma ɔman no nyinaa mmforo nnkɔ; na mmarima bɛyɛ mpennu anaa mpensa nkɔbɔ Ai, nha ɔman no nyinaa mma wɔnnkɔ hɔ, na wɔsua.
4Na ɔman no mu bɛyɛ mpensa foro kɔɔ hɔ, nanso wɔdwane firii Ai mmarima no anim.
5Na Ai mmarima no kunkumm wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa nsia, na wɔtaa wɔn Ai kuro pono no akyi de kɔɔ Sebarim, na wɔbobɔɔ wɔn asianee no mu. Na ɔman no akoma tui, na ɛyɛɛ sɛ nsuo.
6Na Yosua sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde n’anim butuu fam, AWURADE adaka no anim de kɔsii anwummerɛ, ɔno ne Israel mpanimfoɔ, na wɔde dɔteɛ guguu wɔn atifi.
7Na Yosua kaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, adɛn nti na wode ɔman yi twaa Yordan sɛ wode yɛn rebɛhyɛ Amorifoɔ nsa na wɔasɛe yɛn? Yɛnim a, anka yɛpene tenaa Yordan agya hɔ ara.
8Wo kyɛw nie, AWURADE, sɛ Israel adane wɔn akyi akyerɛ wɔn atamfoɔ yi, ɛdeɛn na menka?
9 bonhwa de bɛsi nnɛ yi.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
