1Montie asɛm yi a AWURADE aka wɔ mo, Israelfoɔ ho; Mo a moyɛ mmusua a meyii mo firii Misraim asase so baeɛ sɛ:
2 Deut 4.34 Mo nko ara na menim mo,
asase so mmusua nyinaa mu,
ɛno nso nti na mɛtua mo
mo amumuyɛ nyinaa so ka.
3Baanu bɔ mu nante
a wɔanyɛ nokorɔ ansa?
4Gyata bobom kwaeɛ mu
a aboa biara nni n’anim anaa?
Gyataburuwa ma ne nne so firi ne tu mu
a ɔnkyere biribie?
5Anomaa tɔ fidiem wɔ ɛfam
a kantankoraa bi nni hɔ mma no?
Fidie bi hwan firi fam
a ɛnyii biribi anaa?
6 Yes 45.7; Kwa 3.37 Anaasɛ wɔhyɛne totorobɛnto kuro mu
a ɔman mmɔ binim?
Anaasɛ bɔne bi ba kuro bi mu
a ɛnyɛ AWURADE na ɔma no baeɛ?
7Ampa ara, AWURADE Nyankopɔn renyɛ biribi
gye sɛ wayi n’agyina adi
akyerɛ ne nkoa adiyifoɔ no ansa.
8Gyata abobom,
hwan na ɔrensuro?
AWURADE Nyankopɔn akasa,
hwan na ɔrenhyɛ nkɔm?
Samaria sɛeɛ9Momma no mfa Asiria aban so na wɔnte,
ne Misraim asase so aban so,
na monka sɛ: Mommoa mo ano wɔ Samaria mmepɔ so,
na mommɛhwɛ emu kitikiti bebree
ne nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne mu no.
10Ɛfiri sɛ wɔnnim adetenenee yɛ, AWURADE asɛm nie,
wɔn a wɔboa atirimuɔden ne dwotwa ano wɔ wɔn aban mu no.
11Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:
Ɔhohiahiafoɔ bɛtwa asase no ho ahyia,
na wayi w’ahoɔden afiri wo ho ahwe fam,
na wafom w’aban denden no afa.
12Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwim nnyawa mmienu anaa asokoraa firi gyata anomu no, saa ara na wɔbɛhwim Israelfoɔ a wɔtete Samaria, te sɛ nnaeɛ ntweaso sini anaa mpa so ntoma sini bi.
13Montie, na monni Yakob fie adanseɛ,
AWURADE Nyankopɔn asafo Nyankopɔn, asɛm nie:
14Sɛ ɛda a mɛba abɛtwe Israel mmarato ho aso no,
mɛtwe Betel afɔrebukyia nso aso,
na wɔatwitwa afɔrebukyia no mmɛn,
na agu fam.
15 Amos 6.4; 1 Ah 22.39; Dwom 45.8 Na mɛbobɔ awɔberɛ fie ne ahuhuberɛ fie,
na asonse fie nso asɛe
na afie bebree nso ase ahye koraa,
AWURADE asɛm nie.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
