1 Adi 12.9; 20.2, 10; Hiob 26.13 Ɛda no na AWURADE de n’afena denden a ɛso na ɛyɛ den no bɛtwe dɛnkyɛmmirampɔn a ɔyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ herɛ, dɛnkyɛmmirampɔn a ɔyɛ ɔwɔ a ɔpompono no aso, na wakum ɛpo mu ɔtweaseɛ kɛseɛ no.
2 Yes 5.1 Ɛda no,
monto bobe turo fɛfɛ no ho dwom:
3Me, AWURADE, na mehwɛ so,
megu so nsuo berɛ nyinaa mu;
mehwɛ no awia ne anadwo,
na hwee ammɛyɛ no.
4Abohuro biara nni me mu;
sɛ mehunu nkasɛɛ ne nwerɛ ɛ,
anka mede ɔko bɛwura mu makɔhye ne nyinaa.
5Agye sɛ wɔdwane bɛtoa me,
na wɔne me di asomdwoeɛsɛm, asomdwoeɛsɛm na ma wɔne me nnie.
6 Yes 37.31 Nna a ɛbɛba no mu Yakob bɛgye nhini,
na Israel afefɛ agu nhyerɛne,
na wɔde aba ahyɛ wiase ani mama.
7Wahwe wɔn sɛdeɛ ɔhwee wɔn ahwefoɔ no,
anaasɛ wɔaku wɔn sɛdeɛ wɔkumm wɔn akumfoɔ no?
8 Yer 30.11; 18.17 Wɔn bɔne na wosusuu so ne wɔn diiɛ,
sɛ, ɔde mframa a ano yɛ den huu na wokaa no kɔeɛ apueeɛ mframa da no.
9 Yes 31.7; Lew 26.30 Enti, yei na wɔde bɛkata Yakob amumuyɛ soɔ,
na yi a wɔreyi ne bɔne akorɔ no so aba nyinaa nie:
Sɛ ɔbɛma afɔrebukyia aboɔ no nyinaa
ayɛ sɛ akaadoo ntoantoa a afurofuro,
na Asera nnua ne owia adum nsisi hɔ bio.
10Na kuro a ɛyɛ den no ada mpan ayɛ
tenabea a wɔato no sraha na wɔagya no sɛ ɛserɛ soɔ;
ɛhɔ na anantwie mma didie,
na ɛhɔ na wɔbutubutu wie ne mman no weɛ.
11Sɛ ne mmaboa no dwan a, wɔbubu,
mmaa bɛpɛ kɔsɔ gya;
na wɔyɛ ɔman a wɔnni nhunumu,
enti wɔn yɛfoɔ no yam nhyehye no mma wɔn,
na deɛ ɔnwonoo wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ.
12Ɛda no ɛbɛba sɛ AWURADE bɛpore n’aba afiri Asuo Eufrate no hweamo ano akɔsi Misraim subɔn no ano, na wɔatase mo, Israel mma, mmaako mmaako.
13Yes 11.10-16 Na da no, wɔbɛhyɛn totorobɛnto kɛseɛ, na wɔn a wɔyeraa Asiria asase soɔ, ne wɔn a wɔsumm wɔn kɔɔ Misraim asase soɔ no aba, na wɔabɛsɔre AWURADE, bepɔ kronkron no so wɔ Yerusalem.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
