Yeremia 48 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Moab ho atemmusɛm

1 Yes 15; 16; Hes 25.8-11; Amos 2.1-3; Sef 2.8-11 Moab deɛ:

Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie:

Nebo nnue! ɛfiri sɛ asɛe.

Kiriataim ani awu, wɔagye.

Aban denden no ani awu na wɔadwiri agu.

2Moab din a wagyeɛ no nni hɔ bio,

wɔatu ne ho agyina bɔne, wɔ Hesbon sɛ:

Mommra mma yɛntwa no, na anyɛ ɔman bio.

Wo nso kuro a wɔfrɛ wo Madmen, wɔbɛka w’ano atomu,

ɛfiri sɛ afena di w’akyi.

3Tie! Esu nne a ɛfiri Horonaim,

ɔsɛeɛ ne amamfo kɛseɛ.

4Wɔabubu Moab,

emu nnipa nkumaa ma wɔte nteamu.

5Na Luhit aforoeɛ hɔ

wɔde esu ara nko foro kɔ soro;

na Horonaim asianeeɛ hɔ

ahohiahiafoɔ tee agyaadwo gyegyeegyeyɛ.

6 Yer 17.6 Monnwanedwane mma mo kra mfiri mu mfi,

na monyɛ sɛ anwea pradada so afunumu.

7 1 Ah 11.7 Na ɛsiane sɛ wode w’ani ato wo nnwuma ne w’akoradeɛ soɔ nti,

wo nso, wɔbɛfa wo,

na Kemos, n’asɔfoɔ ne n’asafohene abɔ mu

afiri adi akɔ tukorɔ mu.

8Na ɔsɛefoɔ bɛba nkuro nyinaa so,

na kuro biara remfiri mu mfi;

na mmonhwa ayera,

na asaseta nso asɛe,

sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.

9Momma Moab nkaeɛdum,

na sɛe ara na wɔbɛsɛe no.

Na ne nkuro bɛyɛ amamfo

a obiara nte mu.

10 1 Sa 15.3; 9.11 Nnome nka deɛ ɔyɛ AWURADE adwuma biara biara, na nnome nka deɛ ɔsianka n’afena firi mogyahwieguo mu.

11Moab atena ase dwoodwoo firi ne mmɔfraase,

na wada ne puo so,

na wɔnhwiee no mfirii adeɛ mu nguu adeɛ mu,

na ɔnkɔɔ tukorɔ mu da;

enti na ne dɛ aka ne mu,

na ne ho hwam nsakyeraeɛ.

12Enti hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛsoma atuefoɔ aba ne so a wɔbɛtue wɔn, na wɔahwiehwie deɛ ɛwɔ n’adeɛ mu agu, na wɔabobɔ ne mpɔre nso.

13Na Moab ani bɛwu Kemos ho sɛdeɛ Israel fie ani wuu Betel a wɔde wɔn ho too soɔ no ho no.

14Ɛyɛ dɛn na moka sɛ: Yɛyɛ nnɔmmarima

ne akofoɔ akokoɔdurufoɔ?

15Wɔasɛe Moab, na wɔaforo kɔ ne nkuro mu,

na ne mmeranteɛ a wɔayi wɔn no asiane kɔ okum mu,

ɔhene a asafo AWURADE ne ne din no asɛm nie.

16Moab sɛeɛ repempɛn so ba,

na ne mmusuo reyɛ ntɛm ba.

17Monnyam no, mo a motete ne ho nyinaa

ne mo a monim ne din nyinaa.

Monka sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na dua a ɛyɛ den,

poma fɛfɛ no abuo yi?

18Siane firi w’animuonyam mu,

na tena sukɔm asase so,

O wo a wote Dibon!

Na Moab sɛefoɔ atu reba wo so,

ɔrebɛsɛe w’aban a ɛyɛ den no.

19Kɔgyina kwan ho sra,

Aroerfoɔ,

bisa odwanefoɔ ne deɛ wafiri mu afire

sɛ: Ɛdeɛn na asie?

20Moab ani awu, ɛfiri sɛ wɔadwiri agu.

Montwa agyaadwo na monteam,

monka no Arnon

sɛ wɔasɛe Moab.

21Na atemmuo aba asaseta no so, aba Holon ne Yahsa ne Mefaat,

22ne Dibon ne Nebo ne Bet-diblataim,

23ne Kiriataim ne Bet-gamul ne Bet-meon,

24ne Keriot ne Bosra ne Moab asase so nkuro a ɛwɔ akyirikyiri ne deɛ ɛbɛn nyinaa so.

25Wɔatwa Moab abɛn, na ne basa abu, AWURADE asɛm nie.

26 Yer 25.15 Momma no mmoro, ɛfiri sɛ wadi AWURADE so akokurokosɛm, na momma Moab ayantam ne feɛ mu, na ɔno nso nnane asereseredeɛ.

27Israel anyɛ wo aseredeɛ, sɛ wohunuu no akorɔmfoɔ mu? Na da biara a woka ne ho asɛm no wowosowoso wo ti.

28O Moabfoɔ,

monnya mo nkuro hɔ nkɔtena abotan mu,

na monyɛ sɛ abuburo a ɔyɛ ne buo

wɔ abodan ano nkyɛn mu.

29Yɛate Moab ahantan,

ɔyɛ ahantan dodoɔ no,

n’ahantan ne dwɛɛ ne n’ahokyerɛ

ne n’akoma mmasoɔ.

30Me ara, AWURADE asɛm nie, menim n’aniɛden;

n’ahohoahoa ne ne nneyɛɛ

yɛ atorɔ.

31Enti metwa Moab ho adwo,

na metwa Moab nyinaa ho agyaadwo

na madi Kir-Heres mmarima ho abooboo.

32Mede Yaser su no bi mesu wo,

O Sibma obobe.

Wo mman atra ɛpo,

akɔduru Yaser po ano.

Wo nnuabateɛ ne wo bobe abateɛ so

na ɔsɛefoɔ no aba,

33na wɔahwam anigyeɛ ne ahurisidie

afiri mfu pa wɔ Moab asase so,

na matwa nsa to afiri nsa-kyi-amena mu.

Wɔrenyɛ nsa mmɔ nnye so.

Wɔbɛbo agye so a ɛnyɛ anigyeɛ mmɔgyesoɔ.

34Wɔma wɔn nne so firi Hesbon nteam no mu kɔsi Eleale ne Yahas, ɛfiri Soar kɔsi Horonaim, sɛ mfeɛ mmiɛnsa nantwibereɛ; na Nimrim nsuo mpo adane nkyɛkyerɛ.

35Na mɛtwa Moab mu, AWURADE asɛm nie, deɛ ɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ sorɔnsorɔnbea, ne deɛ ɔhye aduhwam ma n’anyame no.

36Yer 4.19; Yes 15.7; 16.11 Ɛno nti m’akoma gyegye ma Moab sɛ atɛntɛbɛn, na m’akoma gyegye sɛ atɛntɛbɛn ma Kir-Heres mmarima, ɛfiri sɛ adeɛ a wɔanya, a wɔde asie no, ayera.

37 Yer 47.5 Na etire nyinaa so apepa, na bɔgyesɛ nyinaa akuku, nsa nyinaa ho ayɛ nkamaa, na ayitoma miamia asene.

38Esutue ara nko na ɛwɔ Moab adan nyinaa atifi, ne ne mmorɔno soɔ, na mabɔ Moab sɛ kukuo bi a wɔmpɛ, AWURADE asɛm nie.

39Sɛdeɛ wɔasi adwiri no! Sɛdeɛ wɔsi twa agyaadwoɔ! Sɛdeɛ Moab si de aniwuo dane n’atikɔ! Saa ara na Moab adane aseredeɛ ne ahodwirideɛ ama wɔn a wɔtete ne ho nyinaa.

40 Yer 49.22 Na sɛ AWURADE seɛ nie:

Hwɛ, obi retu sɛ ɔkɔdeɛ,

na ɔtrɛ ne ntaban mu ba Moab so.

41Wɔbɛfa nkuro akɛseɛ no,

na wɔagye nkuro a ɛyɛ den no,

na ɛda no Moab nnɔmmarima akoma bɛyɛ

sɛ ɔbaa a ɔda ahohiahia mu akoma.

42Na wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio,

ɛfiri sɛ wadi AWURADE so akokurokosɛm.

43Ehu ne eku ne fidie

da wo da, wo a wote Moab no,

AWURADE asɛm nie.

44 Yes 24.17-18 Deɛ ɔdwane firi ehu ano no kɔ eku mu,

na deɛ waforo afiri eku mu no,

wɔde fidie yi no,

na mede Moab asotwe afe bɛba wɔn so,

AWURADE asɛm nie.

45 Num 21.28-29 Hesbon nwunu mu

na adwanefoɔ a ahoɔden abɔ wɔn gyinagyina,

na ogya afiri Hesbon,

na ogyaframa afiri Sihon mu,

na abɛsɛe Moab moma

ne hooyɛ mma no mpampam.

46Moab, due!

Kemos man ayera,

na wɔafa wo mmabanin nnommum,

na wo mmammaa kɔ nnommumfa mu.

47Nso mede Moab nnommum bɛsane aba,

nna a ɛdi akyire no mu, AWURADE asɛm nie.

Deɛ Moab atemmuo no aso ne ha.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help