Amos 2 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Moab, Yuda ne Israel ho atemmusɛm

1 Yes 15; Yer 48 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Moab amumuyɛ ntoatoasoɔ nti

merennane n’asotwe no,

sɛ ɔde Edom hene nnompe

hyee akaadoo nti.

2Na mɛto Moab mu gya,

na ahye Keriot aban denden no,

na Moab bɛwu hooyɛ mu,

osebɔ ne totorobɛnto gyegyeɛ mu.

3 Num 24.17 Na mɛtwa emu temmufoɔ no atwene,

na makunkum ne mmapɔmma nyinaa aka ne ho,

AWURADE na ɔseɛ.

4Sɛ AWURADE seɛ nie:

Yuda amumuyɛ ntoatoasoɔ nti

merennane n’asotwe no,

sɛ wɔapo AWURADE mmara

na wɔanni n’ahyɛdeɛ soɔ,

na wɔn torɔ a wɔn agyanom dii akyire no

ma wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ nti.

5Na mɛto Yuda mu gya,

na ahye Yerusalem aban denden no.

6 Amos 8.6 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Israel amumuyɛ ntoatoasoɔ nti

merennane n’asotwe no,

sɛ wɔtɔn ɔteneneeni gye dwetɛ,

na mpaboa nti wɔtɔn ohiani.

7 Amos 8.4 Wɔn kɔn dɔ mmɔborɔni atifi dɔteɛ mpo,

na wɔkyea amanehunufoɔ kwan,

na obi ne n’agya kɔ ababaa korɔ ho,

sɛ wɔde regu me din kronkron ho fi,

8 Eks 22.26 na wɔda awowa ntoma soɔ,

afɔrebukyia nyinaa nkyɛn mu,

na wɔnonom wɔn a

wɔabɔ wɔn ka nsa, wɔn anyame fie.

9 Num 21.21-28 Nanso mesɛee wɔn anim Amorini

a ne kɛseɛ te sɛ ntweneduro kɛseɛ

na ne ho yɛ den sɛ adum nnua no,

na mesɛee n’aba wɔ soro

ne n’ase nhini no.

10Na me nso meyii mo firii Misraim asase so

na mede mo nantee ɛserɛ so mfirinhyia aduanan,

sɛ mommɛfa Amorini asase nni.

11 Num 6.2-13 Na mememaa mo mma binom so mesisii adiyifoɔ,

ne mo mmeranteɛ binom meyeyɛɛ ahotuafoɔ.

Ɛnte saa, O Israelfoɔ?

AWURADE asɛm nie.

12 Amos 7.13, 16; Yer 11.21 Nanso momaa ahotuafoɔ nsa nomee

na mohyɛɛ adiyifoɔ sɛ:

Monnhyɛ nkɔm!

13Hwɛ, me ara mɛnyema mo akɔ fam,

sɛdeɛ teaseɛnam a ayuo afiafi ayɛ no ma nyema no.

14Na dwane bɛbɔ ɔhoɔharefoɔ,

na ɔhoɔdenfoɔ nso ahoɔden abɔ no,

na dɔmmarima rennye ne ho nkwa.

15Na taduakurani rennyina,

na deɛ ne nan yɛ herɛ remfiri mu mfi,

na ɔpɔnkɔsotefoɔ rennye ne ho nkwa.

16Na nnɔmmarima mu kokoɔdurufoɔ

de adagya bɛdwane ɛda no,

AWURADE asɛm nie.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help