2 Samuel 22 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Dawid aseda ne nkonimdie dwom(Nnwom 18)

1 Dwom 18 Na da a AWURADE yii Dawid firii n’atamfo nyinaa ne Saulo nsam no, ɔkaa dwom yi mu nsɛm kyerɛɛ AWURADE,

2na ɔse:

AWURADE, ne me botan, m’abankɛseɛ ne me gyefoɔ,

3me botantim Nyankopɔn a medwane mekɔtoa no.

Me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn,

m’abantenten ne me dwanekɔbea,

m’agyenkwa a wogyee me firii akakabensɛm mu.

4AWURADE a ɔfata sɛ wɔyi no ayɛ no na mesu mefrɛ no,

na ɔgye me m’atamfoɔ nsam.

5Na owuo asorɔkyeɛ twaa me ho hyiae,

na sɛeɛ asuasu woro yii me hu.

6Asamando nhoma kyekyeree me,

owuo fidie bɛhyiaa me rebɛyi me.

7M’ahohiahia mu mesu mefrɛɛ AWURADE,

me Nyankopɔn na meteaa mu mefrɛɛ no.

Na ɔtee me nne n’asɔrefie,

na me nteamu duruu n’aso mu.

8Ɛnna asase hinhimiiɛ, na ɛwosoe,

ɔsoro nnyinasoɔ nso popoe, na ɛhinhimii,

ɛfiri sɛ na ne bo afu.

9Wisie tu firii ne hwenem,

na ogya firii n’anomu hyee adeɛ,

na nnyansramma a wɔasɔ ne mu.

10Ɔkuntunuu ɔsoro na ɔdurui fam,

na esum kabii wɔ ne nan ase.

11Na ɔtenaa Kerub so tui,

na wɔhunuu no mframa ntaban so.

12Na ɔde esum yɛɛ ne ho asese,

nsuo mmoaano, danee mununkum kusuu.

13Ne ho haran mu

na nnyansramma dɛreeɛ.

14AWURADE bɔɔ mu firii soro,

na ɔsorosoroni no maa wɔtee ne nne.

15Na ɔtotoo agyan de bɔɔ wɔn petee,

aprannaa na ɔde tuu wɔn ase.

16Na ɛpo mu aka yiyii adi,

wiase nnyinasoɔ ho daa hɔ.

Ɛnam AWURADE animuka nti,

ɛfiri ne hwene mu home tehyeetehyee mu.

17Ɔtenee ne nsa firii soro bɛfaa me,

ɔtwee me firii nsuo pii mu.

18Ɔgyee me firii me tamfo aniɛdenfoɔ

ne wɔn a wɔkyiri me no nsam,

ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene me.

19Wɔbɛtoaa me m’amanehunu da mu,

na AWURADE bɛyɛɛ me okyigyinafoɔ,

20na ɔyii me kɔgyinaa deɛ ɛhɔ trɛ,

ɔgyee me, ɛfiri sɛ na ɔpɛ m’asɛm.

21AWURADE tuaa me ka sɛdeɛ me tenenee teɛ,

sɛdeɛ me bemdie teɛ na ɔtuaa me ka.

22Na mehwɛɛ AWURADE akwan,

na menyɛɛ bɔne mfirii me Nyankopɔn ho.

23Na n’atemmudeɛ nyinaa wɔ m’ani so,

na n’ahyɛdeɛ nso, memfirii ho.

24Na manni fɔ wɔ n’anim,

na mahwɛ me ho so afiri m’amumuyɛ ho.

25Na AWURADE atua me ka sɛdeɛ me tenenee teɛ,

sɛdeɛ m’ahoteɛ a ɛda n’anim no teɛ.

26Ɔnokwafoɔ na wo ne no bɛdi no nokorɛ mu,

ɔbarima a ɔdi mu na wo ne no bɛdi no amudie soɔ.

27Deɛ ne ho teɛ na wobɛte wo ho akyerɛ no,

na ɔkontonkyini deɛ, wobɛkyinkyim wo ho akyerɛ no.

28Na ɔman a wɔbrɛ wɔn ho aseɛ no, wogye wɔn,

na w’ani sa ahantanfoɔ na woabrɛ wɔn ase.

29Na wo, AWURADE, wone me kanea,

na AWURADE haran me sum mu ma me.

30Na wo na mede wo tu dɔm,

na mede me Nyankopɔn mehuri metra ɔfasuo.

31Onyankopɔn deɛ, ne kwan yɛ pɛ,

AWURADE bɔhyɛ yɛ nokorɛ,

ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ nyinaa.

32Na hwan ne onyame? Gye sɛ AWURADE nko.

Na hwan na ɔyɛ ɔbotan? Gye sɛ yɛn Nyankopɔn.

33Saa Onyankopɔn yi ne m’aban a ɛyɛ den,

na ɔma me kwan yɛ dwoodwoo.

34Ɔyɛɛ me nan sɛ aforotebereɛ deɛ,

na ɔmaa megyinaa me mmepɔ so pintinn.

35Ɔkyerɛ me nsa akodie,

na m’abasa akuntunu kɔbere mfrafraeɛ tadua mu.

36Na wode wo nkwagye kyɛm maa me,

na wo mmoa ma meyɛɛ kɛseɛ.

37Wotrɛ m’anammɔn tutuo mu wɔ m’ase

na me nan anwatiri.

38Metii m’atamfoɔ na mesɛee wɔn,

na mansane de kɔsii sɛ mehyee wɔn,

39na memenee wɔn, na mebobɔɔ wɔn na wɔansɔre,

na wɔtotɔe wɔ me nan ase.

40Na wode ahoɔden bɔɔ me abɔsoɔ maa akodie,

wobrɛɛ wɔn a wɔsɔre tiaa me no ase hyɛɛ m’ase.

41Na womaa m’atamfoɔ danee wɔn akyi kyerɛɛ me,

wɔn a na wɔkyiri me no, na mesɛee wɔn.

42Wɔhwɛe, na ɔgyefoɔ biara nni hɔ,

wɔsu frɛɛ AWURADE, na wammua wɔn.

43Na mepɛkyɛɛ wɔn pasaa sɛ fam mfuturo,

metiatiaa wɔn so mewɔɔ wɔn sɛ mmɔntene so dɔteɛ.

44Woyii me firii m’amanko mu,

woahwɛ me sɛ menyɛ amanaman ti.

Ɔman a menni wɔn no som me.

45Ananafoɔ bɛbrɛ wɔn ho ase ama me,

wɔtee me nka pɛ, wɔtiee me.

46Ananafoɔ bo tui,

na wɔde ahopopoɔ firi wɔn aban mu bae.

47AWURADE te ase, na nhyira nka me botantim no.

Na me nkwagyeɛ botan Nyankopɔn no, wɔmma no so.

48Onyankopɔn a ɔtɔɔ were maa me,

na ɔbrɛɛ aman ase hyɛɛ m’ase,

49deɛ ɔyii me firi m’atamfoɔ nsam, aane,

wo na woma me so boro wɔn a wɔsɔre tia me no soɔ,

wogyee me firi aniɛdenfoɔ nsam,

50Enti, AWURADE, mɛkamfo wo amanaman mu,

na mabɔ wo din mato ayeyie nnwom,

51sɛ wone deɛ ɔma ne hene nkwagyeɛ so,

na ɔyɛ deɛ wasra no no adɔeɛ,

Dawid ne n’asefoɔ daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help