2 Samuel 11 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Dawid awaresɛeɛ

1Na afe bi mu wɔ ɔpɛ berɛ mfitiaseɛ a ahemfo tu sa mu no, Dawid somaa Yoab a ne nkoa ka ne ho, ne Israel nyinaa sɛ wɔnkɔsɛe Amonfoɔ; na wɔkɔtuaa Raba. Na Dawid deɛ, ɔtenaa Yerusalem.

2Na da bi anwummerɛ a Dawid sɔre firii ne mpa soɔ na ɔnenam ɔhene dan atifi no, ɔfiri ɛdan no atifi hɔ hunuu ɔbaa bi sɛ ɔredwareɛ, na na ɔbaa no ho yɛ fɛ sɛ.

3Na Dawid soma maa wɔkɔbisaa ɔbaa no ho asɛm. Na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ Eliam ba Batseba, Hetini Uria yere no nie?

4 Na Uria firii ɔhene fie kɔeɛ no, wɔde ɔhene ayɛyɛdeɛ firi dii n’akyi.

9Na Uria kɔdaa ɔhene fie pono ano, ɔne ne wura nkoa nyinaa, na wansiane ankɔ ne fie.

10Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Uria ansiane ankɔ ne fie. Na Dawid bisaa Uria sɛ: Ɛnyɛ ɔkwan na wofiri baeɛ? Adɛn nti na woansiane ankɔ wo fie?

111 Sa 4.4 Na Uria buaa Dawid sɛ: Onyankopɔn adaka no ne Israel ne Yuda tete asese mu, na me wura Yoab ne me wura nkoa abobɔ nsraban wiram, na me deɛ, menkɔ me fie menkɔdidi na mennom na me ne me yere nna anaa? Sɛ wote aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merenni saa asɛm yi.

12Na Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: Tena ha nnɛ nso, na ɔkyena mɛma woakɔ. Ɛnna Uria tenaa Yerusalem da no ne adekyeeɛ.

13Na Dawid hyiaa no, na ɔdidii n’anim na ɔnomee, na ɔmaa no boroe; na anwummerɛ no, ɔfirii adi kɔdaa ne mpa so, ɔne ne wura nkoa, na wansiane ankɔ ne fie.

14Na adeɛ kyee anɔpa no, Dawid twerɛɛ nwoma de nam Uria so kɔmaa Yoab,

15na ɔtwerɛɛ no nwoma no mu sɛ: Ma Uria nkɔdi dɔm a ɛyɛ den no ano, na montwe mo ho mfiri n’akyi, na wɔmmɔ no, na ɔntɔ.

16Na ɛbaa sɛ, Yoab retua kuro no no, ɔde Uria kɔdii deɛ ɔnim sɛ dɔmmarima wɔ no.

17Na kuro no mu mmarima firii adi ne Yoab bɛkoe, na dɔm a wɔyɛ Dawid nkoa no mu bi totɔe, na Hetini Uria nso tɔe.

18Ɛnna Yoab soma maa wɔkɔkaa ɛsa no mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ Dawid.

19Na ɔhyɛɛ ɔbɔfoɔ no sɛ: Sɛ woka ɛsa no mu nsɛm nyinaa kyerɛ ɔhene wie,

20na ɔhene bo fu na ɔka kyerɛ wo sɛ: Adɛn nti na mobɛn kuro no kɔkoo saa? Monnim sɛ wɔbɛfiri ɔfasuo no so abɛtoto agyan?

21Ate 9.53 Hwan na ɔkumm Yerubeset ba Abimelek? Ɛnyɛ ɔbaa bi na ɔtoo ayuyammoɔ ba firi ɔfasuo so bɔɔ no maa no tɔeɛ Tebes no? Adɛn nti na mobɛn ɔfasuo no saa? Ɛnneɛ ka sɛ: W’akoa Uria, Hetini no nso atɔ.

22Na ɔbɔfoɔ no sii mu, na ɔbɛkaa asɛm a Yoab de somaa no no nyinaa kyerɛɛ Dawid.

23Na ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Mmarima no yɛɛ yɛn so den, na wɔfiri baa yɛn so petee mu no, yɛpamm wɔn ara kɔduruu kuro no pono ano.

24Na agyantofoɔ no firi ɔfasuo no so toto guu wo nkoa so, na ɔhene nkoa no bi totɔe, na w’akoa Uria, Hetini no nso atɔ.

25Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no sɛ: Sei na kɔka kyerɛ Yoab: Mma asɛm yi nha wo, na nkrantɛ twa ha na ɛtwa ha nso. Ma wo ko no mu nyɛ den ntia kuro no, na dwiri gu. Na hyɛ no nkuran.

26Na Uria yere no tee sɛ ne kunu Uria awuo no, ɔgyamm ne wura no.

27Eks 20.13-14 Na kunayɛ berɛ twaa mu no, Dawid soma maa wɔkɔfaa no baa ne fie, na ɔbɛyɛɛ ne yere, na ɔwoo babarima maa no. Na asɛm a Dawid diiɛ no ansɔ AWURADE ani.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help