1
8Honhom, nsuo ne mogya, na baasa yi bɔ mu yɛ baako.
9Yɛgye nnipa adanseɛ a, Nyankopɔn adanseɛ so kyɛne no, na Nyankopɔn adanseɛ ne adanseɛ a wadi ne Ba ho no.
10 na moahunu sɛ mowɔ daa nkwa, na moagye Nyankopɔn Ba no din adi.
14 1 Yoh 3.21-22; Yoh 14.13 Na nnam a yɛde kɔ ne nkyɛn ne sɛ, yɛsrɛ biribiara sɛdeɛ ɔpɛ a, ɔtie yɛn.
15Na sɛ yɛnim sɛ ɔtie yɛn deɛ yɛsrɛ no ho a, yɛnim sɛ yɛwɔ nnoɔma a yɛasrɛ no ne nkyɛn no.
16Mat 12.31; Heb 6.4-6 Sɛ obi hunu ne nua sɛ ɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owuo mu a, ɔmmɛsrɛ, na Onyankopɔn bɛma no nkwa de ama wɔn a wɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owuo mu no. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛkɔ owuo mu; ɛno ho deɛ, menka sɛ mommɔ mpaeɛ mmisa.
17Deɛ ɛntene nyinaa yɛ bɔne, na bɔne bi wɔ hɔ a ɛnkɔ owuo mu.
18 1 Yoh 3.9 Yɛnim sɛ obiara a Onyankopɔn awo no no, ɔnyɛ bɔne, na mmom deɛ Onyankopɔn awo no no, ɔhwɛ ne ho so, na ɔbɔnefoɔ no nka no.
19Gal 1.4 Yɛnim sɛ, yɛfiri Onyankopɔn, na wiase nyinaa hyɛ ɔbɔnefoɔ no tumi ase.
20Yoh 17.3; Rom 9.5 Na yɛnim sɛ Nyankopɔn Ba no aba, na wabɛma yɛn nteaseɛ a yɛde hunu ɔnokwafoɔ no. Na yɛwɔ ɔnokwafoɔ no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokorɛ Nyankopɔn ne daa nkwa no.
211 Ko 10.14 Mma nkumaa, monwɛn nyi mo ho mfiri ahonisom ho.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
