1 1 Ko 1.17 Na me nso, anuanom, mebaa mo nkyɛn no, mamfa asɛm anaa nyansa a ɛtra soɔ mammɛka Nyankopɔn adansesɛm no.
2Gal 6.14 Na mebɔɔ me tirim sɛ merenhwehwɛ biribiara wɔ mo hɔ, gye Yesu Kristo a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no.
3Aso 18.9; 2 Ko 10.1 Na me deɛ, mmerɛyɛ ne ehu ne ahopopoɔ bebree mu na me ne mo tenaeɛ.
41 Ko 2.1 Na me kasa ne m’asɛnka amfa nnipa nyansa adɛfɛdɛfɛ kwan so, na mmom ɛnam honhom ne tumi yikyerɛ mu,
5Efe 1.17; 1.19; 1 Te 1.5 na mo gyidie annyina nnipa nyansa so, na mmom agyina Nyankopɔn tumi so.
Nyankopɔn nokorɛ nyansa no6Nanso yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔdi mu; na ɛyɛ nyansa a ɛnyɛ wiase yi deɛ, na ɛnyɛ wiase atumfoɔ a wɔbɛyi wɔn hɔ no deɛ,
7Rom 16.25 na mmom yɛka Nyankopɔn nyansa ahuntasɛm mu, nyansa a wɔde sieeɛ a Onyankopɔn de too hɔ maa yɛn animuonyam ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ.
8Luka 23.34; Yak 2.1 Deɛ wiase yi atumfoɔ mu biara anhunu, na sɛ wɔhunuiɛ a, anka wɔammɔ animuonyam Wura no asɛnnua mu,
9Yes 64.3 na mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:
Deɛ ani nhunuiɛ, na aso nteeɛ
na ɛmmaa onipa akoma mu da ne
nnoɔma a Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no.
10 Mat 13.11 Na yɛn na Onyankopɔn nam Honhom so ayi akyerɛ yɛn; ɛfiri sɛ Honhom no pɛɛpɛɛ adeɛ nyinaa mu, Nyankopɔn nnoɔma a emu dɔ no nso mu.
11Na nnipa mu hwan na ɔnim deɛ ɛwɔ onipa mu, gye onipa no ara honhom a ɛwɔ ne mu? Saa ara nso na obi nnim Nyankopɔn adwene, gye Nyankopɔn honhom.
12Na yɛn deɛ, ɛnyɛ wiase honhom na yɛnyaeɛ, na mmom honhom a ɔfiri Nyankopɔn mu, na yɛahunu deɛ Onyankopɔn de adom yɛn kwa no.
131 Ko 2.1; 2.4 Nso deɛ yɛka no, ɛnyɛ nsɛm a wɔde nnipa nyansa kyerɛkyerɛ, na mmom deɛ Honhom no kyerɛkyerɛ na yɛde honhom adeɛ to honhom adeɛ ho.
141 Ko 1.23; Yoh 8.47 Na onipa a ɔnni honhom no nnye Nyankopɔn Honhom adeɛ, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ɔntumi nhunu mu, ɛfiri sɛ wɔbu mu atɛn honhom mu.
151 Yoh 2.20 Na onipa a ɔwɔ honhom mu no deɛ, ɔbu adeɛ nyinaa atɛn, na ɔno deɛ obiara mmu no atɛn.
16 Rom 11.34; Yes 40.13 Na hwan na wahunu Awurade adwene
a ɔbɛkyerɛkyerɛ no?
Na yɛn deɛ, yɛwɔ Kristo adwene.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
