Hiob 12 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Hiob ma mmuaeɛ

1Na Hiob gyee so sɛ:

2Yoo! Mone ɔman no nne,

na mowu a, nyansa bɛwu.

3Me nso, mewɔ nteaseɛ sɛ mo ara,

me deɛ, mentɔ mu mo anim.

Na hwan na ɔnnim nnoɔma a ɛte sɛɛ yi?

4Deɛ ne yɔnko sere no ne me,

deɛ ɔsu frɛɛ Onyankopɔn na ɔgyee no soɔ,

wɔsere ɔteneneeni a ɔdi mu no.

5Deɛ ɔte hɔ dwoodwoo no tirim deɛ, animtiabuo na ɛfata amanehunu,

ɛne deɛ wasiesie ama wɔn a wɔn nan watirie.

6Amimfoɔ ntomadan si hɔ dwoodwoo,

na wɔn a wɔhuru Nyankopɔn boɔ te hɔ komm,

wɔn a wɔkura wɔn nyame wɔ wɔn nsam no.

7Na yei deɛ, bisa mmoa ɛ, na wɔnkyerɛ wo,

ne ɔsoro nnomaa nso, na wɔnka nkyerɛ wo.

8Anaasɛ bisa asase hwɛ, na ɛnkyerɛ wo,

na ɛpo mu mpataa nka nkyerɛ wo.

9Hwan na ɔrenhunu yei nyinaa mu

sɛ AWURADE nsa na ɛyɛɛ yeinom?

10 Num 16.22 Ne nsam na ɔteasefoɔ biara kra wɔ,

ne adasamma nyinaa ahonhom.

11Ɛnyɛ aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ,

na dodom nso ka aduane hwɛ?

12 Hiob 8.8 Nkɔkoraayɛ mu na nyansa wɔ,

na onyinkyerɛ ma nhunumu.

13Ɔno nkyɛn na nyansa ne mmaninneɛ wɔ,

ɔno na afotuo ne nhunumu wɔ no.

14Hwɛ, ɔdwiri, na wɔrento,

ɔto onipa mu, na wɔremmue.

15 1 Ah 17.1, 7; Gye 7.19-23 Hwɛ, ɔsianka nsuo ma no we,

nanso ɔgyaa mu ma no butu asase.

16Ɔno nkyɛn na ahoɔden ne nyansa wɔ,

deɛ wɔdaadaa no ne ɔdaadaafoɔ nyinaa yɛ ne dea.

17Ɔpa apamfoɔ ho de wɔn kɔ,

na ɔma atemmufoɔ dane nkwaseafoɔ;

18ɔsane ahemfo nkyehoma,

na ɔde nhoma kyekyere wɔn asene.

19Ɔpa asɔfoɔ ho de wɔn kɔ,

na ɔde wɔn a wɔatim no hwe fam;

20ɔma anotefoɔ gyae kasa

na ɔgye mpanimfoɔ nimdeɛ;

21ɔde animtiabuo gu mmapɔmma so,

na ɔhodwo nnɔmmarima abɔsoɔ mu.

22Ɔyi adeɛ kuronkuron adi firi sum mu;

na ɔde sum kabii firi ba hann mu;

23ɔma aman dɔɔso, na ɔsɛe wɔn;

ɔtrɛ amanaman mu, na ɔtu wɔn kɔ,

24ɔgye asase so aman mu atitire akoma.

Na ɔma wɔkyini asasesofoɔ a ɔkwan nni hɔ so.

25 Hiob 5.14 Wɔkeka sum a hann nni hɔ mu,

na ɔma wɔkyini sɛ nsaboni.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help