1Onipa a ɔbaa awo no,
ne nna yɛ tiaa bi,
na ɔhaw ma.
2 Dwom 90.5 Ɔpue sɛ nhwiren, na wɔtwa.
Ɔdwane sɛ sunsum, na ɔnnyina.
3Na yei so na woabue w’ani,
na wode me rekɔ atemmuo mu w’anim?
4 Dwom 14.3 Hwan na ɔbɛnya ɔhoteni, wɔn a wɔn ho akum no mu?
Obiara nni hɔ.
5 Dwom 31.15; 39.4 Sɛ wɔahyɛ me nna ato hɔ,
na n’abosome dodoɔ wɔ wo tirim,
na woatwa hyeɛ a ɔrensiane ho ama no a,
6 Hiob 7.1-2 ɛnneɛ yi w’ani firi ne so
na ɔnhome nkɔsi sɛ ɔbɛwie ne da sɛ ɔpaani.
7Na dua mpo, anidasoɔ wɔ hɔ ma no,
sɛ wɔtwa a, ɛbɛfefɛ,
na ne nnubaa remmɔ no:
8Sɛ ne nhini kyenkyen ɛfam,
na ne dunsini wu dɔteɛ mu a,
9nsuo hwa nti ɛfefɛ,
na ɛyiyi mman sɛ dua a wɔatɛ.
10Na ɔdasani deɛ, ɔwu,
na ɔbea hɔ, na onipa gyaa mu, na ɔwɔ he?
11Na sɛdeɛ nsuo firi ɔtadeɛ mu na ɛdɔ mpumpunadeɛ,
na asuo nso mem na ɛweɛ no,
12 Hiob 7.10; 19.25 saa ara na onipa kɔda hɔ, na ɔnsɔreɛ.
Ɔsoro nnya ntwaa mu yi, wɔrennyane,
na wɔrempusu wɔn mfiri wɔn nna mu.
13 Yes 26.20; Dwom 27.5; 31.20 O, sɛ wode me resie Asamando ɛ,
sɛ wode me rehunta akɔsi sɛ w’abufuo bɛsane akorɔ ɛ,
sɛ wohyɛ me da na wokae me ɛ!
14 Hiob 7.1 Sɛ onipa wu a, ɔbɛtena ase bio anaa?
Anka m’akodie nna nyinaa mɛtwɛn
akɔsi sɛ me nsakyera bɛba.
15Anka wobɛfrɛ, na me nso magye wo so,
anka w’ani bɛgyina wo nsa ano adwuma no.
16Nanso afei deɛ, wokan m’anammɔn,
na wonyi w’ani mfiri me bɔne so.
17 Hos 13.12 Wɔasɔ me mmarato ano de ahyɛ kotokuo mu,
na woakyekyere me bɔne ano.
18Ampa ara bepɔ mpo hwe ase yera,
na ɔbotan nso twe firi n’afa.
19 Rom 5.5 Na sɛdeɛ aboɔ nso, nsuo hono no,
na ne yire pra fam dɔteɛ kɔ,
saa ara na ɔdasani anidasoɔ nso woma no yera.
20Wotintim ne so ma no twam kɔ,
wosakyera n’anim na wosum no kɔ.
21Ne mma nya animuonyam mpo a, ɔnnim,
wɔbrɛ wɔn ase nso a, ɔnhunu mma wɔn.
22Ɔno ara ne honam yea nko na ɔteɛ,
na ne kra di ɔno ara ne ho abooboo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
