Nnwom 137 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Babel nsubɔntene ho sufrɛ

1Babel nsubɔntene ho,

ɛhɔ na yɛtenaeɛ na yɛsuiɛ

berɛ a yɛkaee Sion no.

2Ɛhɔ nsukakye nnua no so

na yɛde yɛn asankuo sensɛneeɛ.

3Na ɛhɔ na yɛn nnommumfafoɔ

bisaa yɛn nnwom bi,

na yɛn ateeteefoɔ pɛɛ yɛn hɔ anigyeɛ sɛ:

Monto Sion dwom bi nkyerɛ yɛn.

4Ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛto AWURADE dwom,

ananafoɔ asase so?

5 Yer 51.50 Yerusalem, sɛ me werɛ firi wo a,

ma me nifa werɛ mfiri ne ho keka.

6Sɛ mankae wo a, ma me tɛkyerɛma mfam me dodom,

sɛ mankae wo a,

sɛ mammu Yerusalem

ankyɛne m’anigyeɛ nyinaa a…!

7 Dwom 79.12; Oba 10-15 O AWURADE, kae Yerusalem da no

ma Edom mma,

sɛ wɔsee sɛ: Monnwiri, monnwiri!

Monnwiri nkɔsi ne fapem so!

8Babel babaa a wɔayɛ wo pasaa,

nhyira ne deɛ ɔtua wo ka,

sɛdeɛ wode yɛɛ yɛn no.

9 Yes 13.16 Nhyira ne deɛ ɔsɔ wo nkɔkoaa mu

pempem ɔbotan.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help