1 kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yi.
31Na wɔwiee mpaebɔ no, faako a wɔhyiaeɛ hɔ wosoee, na Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde akokoɔduro kaa Nyankopɔn asɛm.
Asafo mu nuadɔ32 Aso 2.44 Na wɔn mu bebree a wɔgye diiɛ no akoma ne wɔn kra yɛ baako, na wɔn mu biara nka sɛ ne nnoɔma a ɔwɔ yɛ ɔno ara dea, na ne nyinaa yɛ wɔn kwasafodeɛ.
33Aso 2.47 Na asomafoɔ no de tumi kɛseɛ dii Awurade Yesu wusɔreɛ ho adanseɛ, na adom kɛseɛ wɔ wɔn nyinaa so.
34Aso 2.45 Nanso na obiara nni wɔn mu a biribi hia no; na wɔn a wɔwɔ asase anaa adan tontɔnee, na wɔde deɛ wɔtɔneeɛ no tiri adeɛ bae
35de bɛguu asomafoɔ no nan ase; na wɔkyekyɛɛ mu maa obiara sɛdeɛ ɛhia no.
36Aso 11.22; 11.24 Na Yosef a asomafoɔ no too no Barnaba, (a ne nkyerɛaseɛ ne afotuo ba) a ɔyɛ Lewini a ɔfiri Kipro man mu no
37wɔ asase bi, na ɔtɔnee de ne sika no ba bɛguu asomafoɔ no nan ase.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
