Lewitikɔs 21 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Asɔfoɔ ho ahyɛdeɛ

1 Hes 44.20-25 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Aaron mma asɔfoɔ no na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo mu biara nngu ne ho fi efunu bi ho ne man mu,

2gye ne bogya a ɔbɛn no, ne na ne n’agya ne ne babanin ne ne babaa ne ne nuabarima,

3ne ne nuabaa a ɔyɛ ɔbaabunu a ɔbɛn no a ɔnnya nnyaa kunu, ɔno ho na ɔmma ne ho nkum.

4Ɔyɛ ne nkurɔfoɔ mu nipa titire nti, ɔnngu ne ho fi, nanso ɔnnhura ne ho.

5Lew 19.27-28 Wɔnnyi wɔn mpampam na wɔnnwɛre wɔn bɔgyesɛ ano, na wɔmmmotabota wɔn honam mu.

6Wɔnyɛ kronkron mma wɔn Nyankopɔn, na wɔnnhura wɔn Nyankopɔn din ho, ɛfiri sɛ wɔn na wɔde AWURADE gya afɔdeɛ, wɔn Nyankopɔn aduane no ba; enti wɔnyɛ kronkron.

7Wɔnnware ɔbaa dwamamfoɔ bi anaa deɛ ne ho ahura, nanso wɔnnware ɔbaa a ne kunu ako no, ɛfiri sɛ ɔyɛ kronkron ma ne Nyankopɔn.

8Na bu no kronkron, ɛfiri sɛ wo Nyankopɔn aduane na ɔde ba; ɔnyɛ onipa kronkron mma wo, ɛfiri sɛ kronkron ne me AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no.

9Na sɛ ɔsɔfoɔ babaa firi aseɛ bɔ adwaman a, wahura n’agya ho, wɔmfa ogya nhye no.

10 Eks 29.7; Lew 10.6 Na ne nuanom mu sɔfo panin a wɔahwie sra ngo agu n’atifi na wɔde ahyɛ ne nsam sɛ ɔnhyɛ ntadeɛ no, ɔmmpɛsɛ ne ti na ɔnnsunsuane ne ntadeɛ mu,

11na ɔnnkɔ efunu biara ho, n’agya ne ne na ho mpo ɔmmma ne ho nnkum.

12Na ɔmmfiri kronkronbea hɔ, na ɔnnhura ne Nyankopɔn kronkronbea ho, ɛfiri sɛ ne Nyankopɔn sra ngo no wɔ n’atifi: Mene AWURADE.

13Na ɔno deɛ, ɔbaabunu na ɔnwareɛ;

14okunafoɔ ne deɛ wɔako no ne deɛ ne ho ahura ne odwamamfoɔ deɛ, ɔnnware yeinom mu biara, na mmom ne man mu baabunu na ɔnwareɛ.

15Na ɔnnhura n’asefoɔ ho ne man mu: Na mene AWURADE a meyɛ no kronkron.

16Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

17Kasa kyerɛ Aaron sɛ: W’asefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ mu barima a ɔdi dɛm biara mmma mmmɛfa ne Nyankopɔn aduane no mmma;

18na obiara a ɔdi dɛm no mmmɛn, onifirani oo, apakye oo, hwento oo, deɛ ne honam biribi boro so oo,

19deɛ ne nan anaa ne nsa abu oo,

20afu oo, epira oo, deɛ ɛtɛ si n’ani soɔ oo, deɛ ɔyare ntwom oo, ogyatɔni oo, deɛ ne hwewa nnwoa abobɔ oo,

21Ɔsɔfoɔ Aaron asefoɔ mu biara a ɔdi dɛm no nntwe mmpini mmmɛfa AWURADE gya afɔdeɛ no mma; ɛdɛm wɔ ne ho, ɔmmfa ne Nyankopɔn aduane no nntwe mmpini.

22Ne Nyankopɔn aduane, akronkronneɛ mu ade kronkron ɛne akronkronneɛ no deɛ, ɔnni bi.

23Ntwamutam no ho nko na ɔmmma, na afɔrebukyia no ho na ɔnntwe mmpini, ɛfiri sɛ ɛdɛm wɔ ne ho: Na wanhura m’akronkronneɛ no ho, ɛfiri sɛ mene AWURADE a meyɛ wɔn kronkron.

24Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help