Yohane 4 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yesu ne Samariani baa no

1 hunuu sɛ Farisifoɔ ate sɛ: Ɔno Yesu renya asuafoɔ bebree, na ɔrebɔ nnipa pii asu sene Yohane.

2Nso Yesu no ara deɛ, na ɔmmɔ asu, na mmom n’asuafoɔ no.

3Ɔfirii Yudea, na ɔsii mu kɔɔ Galilea bio.

4Na ɛtwa sɛ ɔfa Samaria.

5

10

27Saa berɛ no ara na n’asuafoɔ no baeɛ, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa sɛ ɔne ɔbaa no rekasa, nanso obi ammisa no sɛ: Deɛn na wohwehwɛ? Anaasɛ: Adɛn na wo ne ɔbaa no rekasa yi?

28Ɛnna ɔbaa no gyaa n’asuhina no hɔ, na ɔkɔɔ kuro no mu kɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ:

29Mommra mmɛhwɛ onipa bi a waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me, sɛ ɛnyɛ oyi ne Kristo no anaa?

30Ɛnna nkurɔfoɔ no firii kuro no mu baa Yesu nkyɛn.

Honhom fam twa adwuma

31Saa berɛ no mu no n’asuafoɔ no see no sɛ: Rabi, didi!

32Samariafoɔ pii gye Yesu nkyerɛkyerɛ

39Na Samariafoɔ a wɔwɔ kuro no mu no mu pii gyee no dii, ɛsiane ɔbaa no adanseɛ a ɔdii sɛ: Waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me, no nti.

40Enti Samariafoɔ no baa ne nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn; na ɔtenaa hɔ nnanu.

41Na nnipa pii a ɛsene kane deɛ no gyee no dii n’asɛm nti,

42na nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Afei ɛnyɛ w’asɛm nti na yɛgye die, na yɛn ara yɛate, na yɛahunu sɛ oyi ne wiase Agyenkwa no ampa.

Galileafoɔ gye Yesu

43 Mat 4.12 Na nnanu akyiri no, Yesu firii hɔ kɔɔ Galilea.

44Mat 13.57; Mar 6.4; Luka 4.24 Na Yesu no ara dii adanseɛ sɛ, odiyifoɔ nni anidie ɔno ara ne kuro mu.

45Yoh 2.23 Na ɔduruu Galilea no, Galileafoɔ no a wɔhunuu deɛ ɔyɛeɛ Yerusalem afahyɛ ase no nyinaa gyee no; ɛfiri sɛ wɔn nso wɔbaa afahyɛ no ase bi.

Ahenkwaa bi ba ayaresa

46 Yoh 2.1; 2.9 Ɛnna ɔkɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔdanee nsuo nsa no bio. Na ahenkwaa panin bi wɔ hɔ a ne ba yare wɔ Kapernaum.

47Na ɔtee sɛ Yesu firi Yudea aba Galilea no, ɔsii mu kɔɔ ne nkyɛn, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mmɛsa ne ba yadeɛ; na ɔreyɛ awu.

48Yoh 2.18; 1 Ko 1.22 Ɛnna Yesu see no sɛ: Sɛ moanhunu nsɛnkyerɛnneɛ ne nkonyaa a, morennye nni.

49Ahenkwaa panin no see no sɛ: Owura, bra, na me ba no anwu ansa.

50Yesu see no sɛ: Kɔ, wo ba no ho ayɛ no den! Na onipa no gyee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no diiɛ, na ɔkɔeɛ.

51Na ɔrekorɔ no, ne nkoa bɛhyiaa no, na wɔkaa sɛ: Wo ba no ho ayɛ no den!

52Ɛnna ɔbisaa wɔn dɔn korɔ a ne ho tɔɔ no. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Nnora bɛyɛ awia dɔnko no na ɔfoɛ no gyaa no.

53Ɛnna agya no hunuu sɛ ɛyɛ dɔn no ara a Yesu see no sɛ: Wo ba no ho ayɛ no den no mu; na ɔno ne ne fiefoɔ nyinaa gye diiɛ.

54Yoh 2.11; 2.23 Yei nso ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛtɔ so mmienu a Yesu firi Yudea baa Galilea no, ɔyɛeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help