Deuteronomium 9 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Israelfoɔ ahantan

1 Deut 1.28 Israel, tie! Worebɛtwa Yordan nnɛ akɔ akɔtu amanaman a wɔsoso na wɔn ho yɛ den sene woɔ, afa nkuro akɛseɛ a wɔatoto ho afasuo akɔ soro,

2Num 13.32-33 ɔman kɛseɛ a wɔwowareɛ, Anakfoɔ mma a woni wɔn na woate wɔn ho asɛm sɛ: Hwan na ɔbɛgyina Anak mma anim?

3Deut 4.24 Na hunu nnɛ sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ne deɛ ɔdi w’anim retwa, sɛ ogya a ɛhyeɛ; ɔno na ɔbɛsɛe wɔn, na wabrɛ wɔn ase, w’anim, na watu wɔn asɛe wɔn ntɛm, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ woɔ no.

4 Deut 8.17; Gye 15.16 Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn tu wɔn firi w’anim gu a, nka no w’akoma mu sɛ: Me tenenee nti na AWURADE de me baa sɛ memmɛfa asase yi; na amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE retu wɔn afiri w’anim.

5Ɛnyɛ wo tenenee ne w’akoma a ɛtene nti na worekɔ akɔfa wɔn asase, na mmom amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE wo Nyankopɔn retu wɔn afiri w’anim, na wama asɛm a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom, Abraham, Isak ne Yakob no atim.

6 Eks 32.9 Enti hunu sɛ ɛnyɛ wo tenenee nti na AWURADE wo Nyankopɔn de asase pa yi rema wo sɛ di soɔ, na ɔman a wɔn kɔn asene ne wo.

7Kae na mma wo werɛ mmfi, sɛdeɛ wohyɛɛ AWURADE wo Nyankopɔn abufuo ɛserɛ soɔ no; ɛfiri da a wofirii Misraim asase soɔ de bɛsii sɛ mobaa ha yi, mote ne so atua.

8Eks 32 Na Horeb nso mohyɛɛ AWURADE abufuo, na ɛmaa ne bo fuu mo sɛ anka ɔbɛsɛe mo;

9ɛberɛ a meforoo bepɔ no sɛ merekɔgye aboɔpono, apam a AWURADE ne mo pameeɛ no apono no, medii bepɔ no so adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom;

10na AWURADE maa me aboɔpono mmienu a wɔde Nyankopɔn nsateaa twerɛeɛ a nsɛm a AWURADE firii ogya mu wɔ bepɔ no so ne mo kaa no dwabɔ da no nyinaa wɔ soɔ.

11Na adaduanan awia ne anadwo no wiee duro no, AWURADE de aboɔpono mmienu, apam apono no, maa me,

12na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre siane firi ha ntɛm, na ɔman a wokɔyii wɔn firii Misraim no adi asɛmmɔne. Wɔadane ntɛm afiri ɔkwan a mehyɛɛ wɔn no so; wɔayɛ ohoni a wɔaguo afa.

13Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mahunu ɔman yi, na hwɛ, wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asene;

14gyaa me ma mensɛe wɔn, na mempepa wɔn din mfiri asase so, na mede wo bɛyɛ ɔman a ɛyɛ den na ɛso sene wɔn.

15Ɛnna medanee me ho mefirii bepɔ no so mesianeeɛ, na bepɔ no redɛre ogya, na apam apono mmienu no kurakura me nsam;

16na mehunui, na hwɛ, na moayɛ AWURADE mo Nyankopɔn bɔne ayɛ nantwie ba a wɔaguo afa: Moamane ntɛm afiri ɔkwan a AWURADE hyɛɛ mo no so.

17Ɛnna mefaa apono mmienu no meto firii me nsam guiɛ, na mebobɔɔ no wɔ mo anim.

18Deut 10.10; Eks 34.28 Na mehwee AWURADE anim ase sɛ kane no, adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom, mo bɔne a moyɛeɛ nyinaa, sɛ moyɛɛ deɛ ɛnyɛ wɔ AWURADE ani so de hyɛɛ no abufuo no nti.

19Heb 12.21 Na mesuroo abufuhyeɛ a AWURADE anya no mo ho na ɔde rebɛsɛe mo no. Na AWURADE tiee me saa berɛ no nso.

20Na AWURADE faa Aaron ho abufuo kɛse sɛ ɔrebɛsɛe no, na mepaa kyɛw memaa Aaron nso saa berɛ no.

21Na mefaa mo bɔne a moyɛeɛ a ɛne nantwie ba no, na mede ogya mehyee, na mesi meyam no muhumuhu kɔsii sɛ ɛfee sɛ mfuturo, na metoo ne mfuturo no guu asuo a ɛfiri bepɔ no so sene no mu.

22 Eks 17.7; Num 11.3, 34 Na Tabera ne Masa ne Kibrot-hataawa nso mohyɛɛ AWURADE abufuo.

23Num 13.2, 31; Deut 14.1-4 Na AWURADE somaa mo firi Kades-barnea kaa sɛ: Momforo nkɔfa asase a mede mama mo no, motee AWURADE mo Nyankopɔn anomu asɛm so atua, na moannye no anni, na moantie ne nne.

24Deut 9.7 AWURADE anim atuatefoɔ ne mo firi da a mehunuu mo.

25 Deut 9.18 Na mehwee ase AWURADE anim adaduanan, awia ne anadwo. Mehwee ase, ɛfiri sɛ na AWURADE aka sɛ ɔrebɛsɛe mo.

26Ɛno nti mepaa AWURADE kyɛw sɛ: AWURADE Nyankopɔn, nsɛe wo man ne w’agyapadeɛ a wode wo kɛseyɛ agye wɔn na wode nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afiri Misraim no.

27Kae wo nkoa Abraham, Isak ne Yakob; nnane w’ani nhwɛ ɔman yi asoɔden ne wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne,

28Num 14.16 na asase a woyii yɛn firii soɔ no sofoɔ anka sɛ: AWURADE antumi amfa wɔn ankɔ asase a ɔkaa wɔn ɛho asɛm no so, na tane a ɔtane wɔn nti na ɔde wɔn firi kɔɔ sɛ ɔrekɔkunkum wɔn ɛserɛ soɔ.

29Na wɔyɛ wo man ne w’agyapadeɛ a wode wo tumi kɛseɛ ne wo nsa a woatene ayi wɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help