Nnwom 29 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nyankopɔn animuonyam a ɛda adi ahum muDawid dwom.

1 Dwom 89.6; 103.20 Mo ɔsoro asafo, momfa animuonyam mma AWURADE,

momfa animuonyam ne tumi mma AWURADE.

2 Dwom 110.3 Aane, monhyɛ AWURADE din animuonyam,

monsɔre AWURADE, ahokeka kronkron mu.

3 Hiob 37.2 AWURADE nne wɔ nsuo so,

animuonyam Nyankopɔn ma aprannaa bom,

AWURADE wɔ nsuo bebree so.

4AWURADE nne mu yɛ den sɛ,

AWURADE nne mu wɔ animuonyam.

5AWURADE nne bubu ntweneduro,

AWURADE bubu Lebanon ntweneduro.

6 Deut 3.8-9 Na ɔma wɔhurihuri sɛ nantwie ba,

Lebanon ne Sirion sɛ okoo ba.

7AWURADE nne pa gya a ɛdɛre.

8AWURADE nne ma ɛserɛ so hɔ him,

AWURADE ma Kades serɛ so hɔ po.

9AWURADE nne ma aforoteɛ ko awoɔ,

na ɛma kwaeɛ mu da hɔ,

na n’asɔrefie mufoɔ nyinaa ka sɛ: Animuonyam nka Nyankopɔn.

10AWURADE tenaa ase wɔ nsuo a ayiri so,

na AWURADE bɛtena hɔ sɛ ɔhene daa.

11 Dwom 28.8-9 AWURADE bɛma ne man ahoɔden,

AWURADE de asomdwoeɛ bɛhyira ne man.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help