Deuteronomium 18 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Asɔfoɔ ne Lewifoɔ agyapadeɛ ne AWURADE

1 Deut 10.9; Num 18.8-20; 1 Ko 9.13 Wɔmmma Lewifoɔ asɔfoɔ, Lewi abusuakuo nyinaa nnnya kyɛfa ne agyapadeɛ biara Israel mu: AWURADE gya afɔdeɛ so adeɛ ne n’agyapadeɛ a wɔnnie;

2na ɔrennya agyapadeɛ ne nuanom mu; AWURADE ne n’agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ no no.

3Na yei nyɛ asɔfoɔ no kyɛfa a ɛfiri ɔman no nsam mfiri wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ no nkyɛn, nantwie oo, odwan oo: Wɔmfa basa ne abɔgyeɛ ne efuro mma ɔsɔfoɔ no;

4w’aburoo, wo nsa ne wo ngo adikan ne wo nnwan ho nwi a wotwa kane no, fa ma no,

5ɛfiri sɛ ɔno na AWURADE wo Nyankopɔn ayi no afiri wo mmusuakuo nyinaa mu, sɛ ɔnnyina nsom AWURADE din mu, ɔno ne ne mma, nna nyinaa.

Lewifoɔ kyɛfa

6Na sɛ Lewini bi firi wo nkuro no biara mu, firi Israel mu baabiara a wakɔsoɛ, na ɔde ne pɛ nyinaa ba bɛtena faako a AWURADE bɛkyerɛ a,

7ɛnneɛ ɔnsom AWURADE ne Nyankopɔn din mu sɛ ne nuanom Lewifoɔ a wɔgyina AWURADE anim hɔ nyinaa yɛ no.

8Wɔnnya kyɛfa korɔ nni nka deɛ ɛfiri n’agyanom adeɛ a wɔatɔn mu no ho.

Amanaman nneyɛɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ

9Sɛ wonya duru asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so a, nsua amanaman no nneyɛɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no yɛ.

10Lew 18.21; 19.26, 31; 20.27 Mma wɔnnhunu wo mu obi a ɔma ne babarima anaa ne babaa fa ogya mu, ɔkɔmfoɔ a ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifoɔ, ɔdebisafoɔ, ntafowayifoɔ,

111 Sa 28.11 nkaberɛkyerefoɔ, samanfrɛfoɔ, adutofoɔ ne deɛ ɔbisa afunu,

12ɛfiri sɛ AWURADE akyiwadeɛ ne wɔn a wɔyɛ yeinom nyinaa, na akyiwadeɛ yi nti na ɔretu wɔn afiri w’anim yi.

13Gye 6.9; Dwom 15.2 Wo ne AWURADE wo Nyankopɔn ntena no amudie mu.

14Na amanaman yi a worekɔtu wɔn yi tie abayifoɔ ne nkɔmhyɛfoɔ, na wo deɛ, AWURADE wo Nyankopɔn mmaa wo kwan sɛ yɛ no saa.

Wɔntie Onyankopɔn diyifoɔ no

15 Num 12.6-8; Yoh 1.45; 6.14; Aso 3.22; 7.37; Heb 12.24 Odiyifoɔ a ɔfiri wo mu a ɔfiri wo nuanom mu te sɛ me na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma no so ama woɔ, ɔno na montie no.

16Eks 20.19; Heb 12.19 Sɛdeɛ wobisaa AWURADE wo Nyankopɔn wɔ Horeb adwabɔ da no sɛ: Mma mennte AWURADE me Nyankopɔn nne bio, na mma mennhunu ogya kɛseɛ yi bio, na manwu!

17Deut 5.28 Ɛno na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Deɛ wɔaka no wɔaka no yie:

18Mɛma odiyifoɔ so mama wɔn wɔn nuanom mu sɛ wo; na mede me nsɛm bɛhyɛ n’anomu, na waka deɛ mɛhyɛ no nyinaa akyerɛ wɔn.

19Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔrentie me nsɛm a ɔbɛka no me din mu no, me na mɛbisa no ne hɔ.

20 Yer 14.15; Deut 13.5 Na odiyifoɔ a ɔbɛma ne ho so aka asɛm bi, me din mu, a menhyɛɛ no sɛ ɔnka, ne deɛ ɔbɛkasa anyame foforɔ din mu no, odiyifoɔ ko no bɛwu.

21Ebia wobɛka no w’akoma mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛhunu asɛm a AWURADE nkaeɛ no?

22Sɛ odiyifoɔ bi kasa wɔ AWURADE din mu, na asɛm korɔ no amma mu anaa ɛnyɛ nokorɛ a, na asɛm no mfiri AWURADE; ahantan mu na odiyifoɔ no kasaeɛ, nsuro no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help