Deuteronomium 14 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Mmoa a monni ne deɛ monnni

1 Lew 11 AWURADE mo Nyankopɔn mma ne mo, mommmotabota mo ho na monnyɛ ahyɛnsodeɛ wɔ mo moma so mmma owufoɔ biara;

2na ɔman kronkron ne wo ma AWURADE wo Nyankopɔn, na wo na AWURADE ayi wo sɛ yɛ no ahodeɛ man, asase so aman nyinaa mu.

3Nni akyiwadeɛ biara.

4Yeinom ne mmoa a monnie: Nantwie, odwanten ne abirekyie;

5ɔforoteɛ, adowa, ɔwansane, eyuo, ɔtwe, ɛkoɔ ne abedeɛ.

6Na atɔteboa biara a ɔwɔ tɔte a emu apaeɛ, na ne tɔte mu apae nta mmienu, na ɔpu wesa, mmoa mu no, ɔno na monnie.

7Nanso yeinom deɛ, monnni, wɔn a wɔpu wesa ne wɔn a wɔn tɔte mu apae koraa no mu: Yoma, adanko ne atwaboa, ɛfiri sɛ wɔpu wesa deɛ, nanso wɔn tɔte mu mpae, wɔn ho nte mma mo;

8ne prako nso, ɛfiri sɛ ne tɔte mu apae deɛ, nanso ɔmpu nwesa, ne ho nte mma mo. Monnni wɔn nam, na monnka wɔn afunu.

9Yei ne deɛ monnie, deɛ ɛwɔ nsuom nyinaa mu, deɛ ɛwɔ tɛtɛ ne abon nyinaa, monni.

10Na biribiara a ɛnni tɛtɛ ne abon no, monnni: Ɛho nte mma mo.

11Anomaa biara a ne ho teɛ no, monni.

12Na yeinom ne wɔn a monnnie: Ɔkɔdeɛ, ɔkorɔbia, asuo so kɔdeɛ,

13ɔkompɛtɛ, asansa, ɔkom, n’ahodoɔ,

14anene ahodoɔ nyinaa,

15sohori, anadwoakorɔma ne ɛpo so asomfenakatakyi, akorɔma, n’ahodoɔ,

16patubiaa, patukɛseɛ, bakanoma

17nantwinoma, ɔpɛtɛ, ɛpo so anene,

18sukɔnkɔn, sukɔnkɔn ahodoɔ, asɔkwaa ne apan.

19Na ntuboa a wɔwea nyinaa ho nte mma mo; monnni.

20Ntuboa a wɔn ho teɛ nyinaa, monni.

21 Eks 22.31; 23.19 Monnni aboa funu; fa ma ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo kuro apono mu ma no nni anaasɛ tɔn ma ɔnanani, ɛfiri sɛ woyɛ ɔman kronkron ma AWURADE wo Nyankopɔn. Nnoa odwan ba wɔ ne na nufosuo mu.

Ntotosoɔ du du ho mmara

22 Lew 27.31 W’adeɛ a woduaeɛ nnɔbaeɛ a w’afuo ma daa afirinhyia no, yi so ntotosoɔ du du.

23Deut 12.18 Na di no wɔ AWURADE wo Nyankopɔn anim wɔ faako a ɔbɛyi sɛ ne din ntena no, w’aburoo, wo nsa ne wo ngo so ntotosoɔ du du, w’anantwie ne wo nnwan mmakan, na woasua AWURADE wo Nyankopɔn suro nna nyinaa.

24Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn hyira wo na sɛ ɔkwan no ware a wontumi nsoa, ɛfiri sɛ faako a AWURADE wo Nyankopɔn ayi sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no ne wo ntam ware a,

25ɛnneɛ dane no sika, na kyekyere sika no kura, na sim kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn ayie no.

26Na fa sika no tɔ adeɛ biara a wo kra kɔn dɔ, nantwie ne odwan ne bobesa ne nsa biara a ɛyɛ den ne adeɛ biara a wo kra pɛ, na di no hɔ, AWURADE wo Nyankopɔn anim, na ma wo ne wo fie ani nnye.

27Deut 12.19 Na Lewini a ɔwɔ wo kuro apono mu no, mma wo werɛ mmfiri no, ɛfiri sɛ ɔnni kyɛfa ne agyapadeɛ biara sɛdeɛ wo deɛ wowɔ.

28 Deut 26.12-15 Mfeɛ mmiɛnsa awieeɛ no, yi w’afe no mu nnɔbaeɛ so ntotosoɔ du du gugu wo kuro apono mu,

29na Lewini, ɛfiri sɛ ɔnni kyɛfa ne agyapadeɛ biara sɛdeɛ wo deɛ wowɔ no, ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ a wɔwɔ wo kuro apono mu mmra mmɛdi mmee, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma a woyɛ nyinaa mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help