Sakaria 1 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ahonu ho kɔkɔbɔ

1 Esra 5.1 Dario afe a ɛtɔ so mmienu no, bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu no, AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Sakaria a ɔyɛ Berekia ba Ido ba nkyɛn, sɛ:

2Na AWURADE bo fuu mo agyanom pa ara.

3Mal 3.7; Yak 4.8 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monsane mmra me nkyɛn, na mɛsane maba mo nkyɛn, asafo AWURADE na ɔseɛ.

4Yer 3.12; Hes 3.11 Monnyɛ sɛ mo agyanom a kane adiyifoɔ no pae kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monsane mfiri mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ bɔne no ho, nanso wɔante, na me nso, wɔantie me, AWURADE asɛm nie.

5Mo agyanom no wɔ he? Na adiyifoɔ no, wɔtena hɔ kɔsi daa?

6Nanso me nsɛm ne m’ahyɛdeɛ a mehyɛɛ me nkoa adiyifoɔ no no, anto mo agyanom anaa? Na wɔsanee na wɔkaa sɛ: Sɛdeɛ asafo AWURADE dwene sɛ ɔbɛyɛ yɛn sɛdeɛ yɛn akwan ne yɛn nneyɛɛ teɛ no, saa na ɔne yɛn adi no.

Onyankopɔn dɔ Sion

7Bosome a ɛtɔ so dubaako a ɛne bosome Sebat da a ɛtɔ so aduonu nnan, Dario afe a ɛtɔ so mmienu mu, AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Sakaria a ɔyɛ Berekia ba Ido ba nkyɛn sɛ:

8Sak 6.1-8 Mehunuu anadwo, na hwɛ, na ɔbarima bi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so, na ɔgyina ohwamdua a ɛwɔ bonhwa mu no ntam, na apɔnkɔ akɔkɔɔ, ntokontrama ne afufuo gyinagyina n’akyi. Na mebisaa sɛ: Me wura, yeinom yɛ deɛn?

9Na ɔbɔfoɔ a ɔrekasa akyerɛ me no ka kyerɛɛ me sɛ: Merebɛkyerɛ wo adekodeɛ a yeinom yɛ.

10Na ɔbarima a ɔgyina ohwamdua no ntam no buaa sɛ: Yeinom na AWURADE asoma wɔn sɛ wɔnkɔkyini asase soɔ.

11Na wɔbuaa AWURADE bɔfoɔ a ɔgyina ohwamdua no ntam no sɛ: Yɛakyini asase so, na hwɛ, asase nyinaa te hɔ komm dwoodwoo.

12Dwom 102.13; Dan 9.2 Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no bisaa sɛ: Asafo AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn na wo yam renhyehye wo mma Yerusalem ne Yuda nkuro a wo bo afu wɔn mfirinhyia aduɔson nie?

13Na AWURADE de nsɛm pa ne awerɛkyekyerɛ nsɛm buaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no.

14Na ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no ka kyerɛɛ me sɛ: Pae ka sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ninkunu kɛseɛ na matwe no Yerusalem ne Sion ho,

15Yes 47.6 na abofuo kɛseɛ na me bo afu amanaman a wɔte hɔ dwoodwoo no, ɛfiri sɛ me deɛ, me bo fuu kakraa bi, na wɔn deɛ, wɔboae maa no danee bɔne.

16Sak 8.3 Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Mede ayamhyehyeɛ madane m’ani akyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wɔbɛsi me fie nso, asafo AWURADE asɛm nie, na wɔbɛtwe susuhoma mu Yerusalem so.

17Yes 40.1-2; 14.1 Pae mu bio ka sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nnepa bɛbu so me nkuro mu, na AWURADE bɛkɔ so akyekyere Sion werɛ, na ɔbɛkɔ so afa Yerusalem ayɛ ne deɛ.

Mmɛn nnan ne atomfoɔ baanan ho asɛm

18Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na mmɛn nnan nie.

19Na mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: Ɛdeɛn ne yeinom? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem peteeɛ no.

20Na AWURADE kyerɛɛ me atomfoɔ baanan.

21Na mebisaa sɛ: Ɛdeɛn na yeinom bɛyɛeɛ? Na ɔse: Yeinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda peteeɛ na obi amma ne tiri soɔ no, na atomfoɔ baanan no baa wɔn ehuyie, sɛ wɔbɛtutu amanaman a wɔmaa abɛn so tiaa Yuda asase de bɔɔ wɔn peteeɛ no mmɛn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help