Nnwom 147 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nyankopɔn tumi, adɔeɛ ne nyansa

1 Dwom 92.1 Monyi AWURADE ayɛ,

na ɛyɛ sɛ wɔto dwom ma yɛn Nyankopɔn,

na ɛyɛ dɛ, ayeyie fata.

2AWURADE na ɔkyekyere Yerusalem,

ɔpɔn Israelfoɔ a wɔapete wɔn.

3 Yes 61.1 Ɔsa wɔn a wɔn akoma abubuo yadeɛ,

na ɔkyekyere wɔn akuro.

4 Yes 40.26 Ɔkyerɛ nsoromma dodoɔ ano,

ɔtoto wɔn nyinaa din.

5Yɛn AWURADE so, na ne tumi dɔɔso,

ne nhunumu nni anobuo.

6 Luka 1.52 AWURADE ma ahobrɛasefoɔ gyina,

ɔto abɔnefoɔ hwe fam.

7Monto aseda dwom mma AWURADE,

momfa sankuo nto dwom mma yɛn Nyankopɔn.

8Ɔno na ɔde mununkum kata ɔsoro,

ɔsiesie osuo ma asase,

ɔma wira fifiri mmepɔ so.

9 Hiob 38.41 Ɔde aduane ma mmoadoma

ne anene mma a wɔsu.

10Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na ɛyɛ no fɛ,

ɛnyɛ ɔdasani akokoɔduro na ɛsɔ n’ani.

11AWURADE ani sɔ wɔn a wɔsuro no,

wɔn a wɔn ani da n’adɔeɛ soɔ.

12Yerusalem, kamfo AWURADE,

Sion, yi wo Nyankopɔn ayɛ!

13Na wahyɛ w’aponkɛseɛ adaban den,

wahyira wo mma a wɔwɔ wo mu.

14 Dwom 81.16 Ɔma w’ahyeɛ so dwo,

ɔde ayuo pa ma wodi mee.

15Ɔma ne kaseɛ ba asase so,

n’asɛm tu mmirika ntɛmntɛm.

16 Dwom 148.8; Hiob 38.22-30 Ɔma sukyerɛmma tɔ sɛ asaawa fukuiɛ,

ɔpete obosuo nkyenkyeneeɛ sɛ nso.

17Ɔto n’asukɔtweaa gu sɛ mporoporowa;

hwan na ɔbɛtumi n’awɔ?

18Ɔma n’asɛm nane no,

ɔma ne mframa bɔ ma nsuo sene.

19Ɔyi n’asɛm kyerɛ Yakob,

ɔde n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ kyerɛ Israel.

20 Deut 4.7; Aso 14.16; Rom 3.2 Ɔnyɛɛ ɔman biara saa da,

na n’atemmudeɛ no, wɔnnim.

Monyi AWURADE ayɛ!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help