1Enti sɛ Kristo mu nkuranhyɛ bi, sɛ ɔdɔ awerɛkyekyerɛ bi, sɛ Honhom no ayɔnkofa bi, sɛ ayamhyehyeɛ ne ntimmɔborɔ bi wɔ hɔ a,
2momma m’anigyeɛ nni mu sɛ mobɛdwene ade korɔ anya ɔdɔ korɔ, anokorɔ, ne adwenkorɔ.
3Gal 5.26; Rom 12.10 Monnnwene biribi atutupɛ anaa animuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛaseɛ adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛne mo ara mo ho.
41 Ko 10.24; 10.33 Mommma obiara nnhwɛ ɔno nko ara adeɛ, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfoɔ deɛ bi.
Yesu ahobrɛaseɛ ne n’ahopakyire5Momma adwene a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ara ntena mo mu bi.
6 Yoh 1.1-2; 17.5; Gye 3.5 Ɔno na ɔwɔ Nyankopɔn tebea mu deɛ,
nanso wannyina so ketee
sɛ ɔne Nyankopɔn yɛ pɛ,
7 Yes 53.3; 2 Ko 8.9; Heb 2.14; 2.17 na mmom ɔtoo ne ho mpan
faa akoa tebea too ne ho so,
danee nnipa nsɛso, na sɛ ɔyɛɛ n’adeɛ faeɛ no,
wɔhunuu no sɛ onipa,
8 Heb 12.2; 5.8 ɔbrɛɛ ne ho ase
yɛɛ setie de kɔsii owuo mu,
aane, asɛnnua ho wuo mu mpo.
9 Aso 2.33; Efe 1.21; Heb 1.3-4 Ɛno nti na Onyankopɔn nso ama no so kɛse,
na wama no din
a ɛboro din nyinaa soɔ,
10 Yes 45.23; Yoh 5.23; Adi 5.13 sɛ Yesu din mu
na nkotodwe nyinaa nkotoɔ,
deɛ ɛwɔ soro, deɛ ɛwɔ asase so, ne deɛ ɛwɔ asase ase,
11na tɛkyerɛma nyinaa mpae mu nka
sɛ Yesu Kristo ne Awurade
nhyɛ Agya Nyankopɔn animuonyam.
Nkwagyeɛ ho mmɔdemmɔ12 1 Pe 1.17; Dwom 2.11 Enti, m’adɔfo, sɛdeɛ moyɛ setie daa no, ɛnyɛ sɛ berɛ a mewɔ mo nkyɛn nko mu, na mmom afei a menni mo nkyɛn yi titire no, momfa suro ne ahopopoɔ nyɛ mo ara mo nkwagyeɛ ho adwuma nwie;
13Yoh 15.5; 2 Ko 3.5 na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔyɛ adwuma wɔ mo mu, na monya ɔpɛ ma moyɛ adwuma nyinaa sɛdeɛ ɛbɛsɔ n’ani.
Ɔpene, asomdwoeɛ, ahoteɛ ne anigyeɛ14 1 Pe 4.9 Monkwati huhuhuhu ne akyinnyegyeɛ nyɛ ade nyinaa,
15Flp 1.10; Mat 5.14; Efe 5.9 na moayɛ nnipa a asɛm nni wɔn ho, a wɔyɛ kronn, Nyankopɔn mma a nkekaeɛ nni wɔn ho wɔ nnɛ mma abusua a wɔakonton na wɔakyea a mohyerɛn wɔn mu sɛ akanea wɔ wiase,
161 Te 2.19; Yes 49.4; Gal 2.2 sɛ mokura nkwa asɛm no mu yie, sɛdeɛ Kristo da no, mahoahoa me ho sɛ ammirika a metuiɛ no anyɛ hunu, na me brɛ adwuma nso anyɛ ɔkwa.
172 Ti 4.6 Na mpo sɛ wɔhwie me gu sɛ afɔrebɔ wɔ mo gyidie som ho a, m’ani gye, na me ne mo nyinaa di ahurisie.
18Flp 3.1; 4.4 Ɛno ara nti na mo nso momma mo ani nnyeɛ, na mo ne me nni ahurisie.
Wɔsoma Timoteo kɔ Filipi19Nanso m’ani da so, Awurade Yesu mu, sɛ ɛrenkyɛre koraa mɛsoma Timoteo ama no aba mo nkyɛn, na sɛ mete mo nka a, me ho nso atɔ me.
201 Ko 16.10 Na menni obi a ɔne m’adwene sɛ, te sɛ ɔno a mo ho asɛm hia no no;
212 Ti 4.10; 4.16 ɛfiri sɛ wɔn nyinaa hwehwɛ wɔn ara deɛ, na ɛnyɛ deɛ ɛyɛ Kristo Yesu deɛ.
22Na ɔno deɛ, sɛdeɛ monim no, monim sɛ ɔne me som asɛmpa no fam sɛdeɛ ɛteɛ wɔ ɔba ne n’agya ntam.
23Ɔno na m’ani da no so sɛ, sɛ menya mehunu sɛdeɛ m’asɛm bɛwie ara pɛ a, mɛsoma no.
24Flp 1.25 Na mewɔ anidasoɔ wɔ Awurade mu sɛ, ɛrenkyɛ biara mɛba.
Epafrodito25 Flp 4.18 Nanso masusu ho sɛ ɛhia sɛ mesoma Epafrodito a ɔyɛ me nua ne yɔnko dwumayɛfoɔ ne yɔnko sraani ne mo somafoɔ ne me dɛɛfoɔ, ma no ba mo nkyɛn;
26ɛfiri sɛ n’ani agyina mo nyinaa, na ne ho yera no, ɛfiri sɛ motee sɛ ɔyare.
27Na ɛwom sɛ ɔyaree owuyadeɛ deɛ, nanso Onyankopɔn hunuu no mmɔbɔ, na ɛnyɛ ɔno nko ara, na me nso bi, na m’awerɛhoɔ annɔɔso.
28Ɛno nti na mabɔ mmɔden masoma no, na sɛ mohunu no a, mo ani agye bio, na me nso m’awerɛhoɔ so ahwan.
291 Ko 16.16 Enti momfa anigyeɛ nyinaa nnye no Awurade mu, na wɔn a wɔte saa no, monkura wɔn wɔ anidie mu!
30Ɛfiri sɛ Kristo adwuma nti na ɔbɛn owuo, na ɔde ne nkwa too hɔ sɛ ɔbɛsi mo ananmu asom me wɔ nnoɔma nyinaa mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.