1 Ɔsɛ 7.1 Din pa na ɛsɛ sɛ wɔyie sene ahonyadeɛ pii,
na animuonyam yɛ sene dwetɛ ne sika.
2Ɔdefoɔ ne ohiani hyia,
deɛ ɔyɛɛ wɔn nyinaa ne AWURADE.
3 Mmb 27.12 Onitefoɔ hunu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hunta,
nanso adwenemharefoɔ deɛ, wɔkɔhyɛ mu, na wɔnya asotwe.
4Deɛ ɛdi ahobrɛaseɛ ne AWURADE suro akyire
ne ahonyadeɛ ne animuonyam ne nkwa.
5Nkasɛɛ ne afidie wɔ okontonkyini kwan so,
nanso deɛ ɔkora ne kra ne wɔn ntam bɛtwe.
6 Mmb 20.11 Kyerɛ abɔfra ɛkwan a ɔmfa soɔ,
na sɛ ɔnyini a, ɔremfiri ho.
7Ɔdefoɔ di ahiafoɔ so,
na ɔdefɛmni yɛ deɛ ɔde fɛm akoa.
8 Hiob 4.8 Deɛ ɔdua amumuyɛ no bɛtwa mmusuo,
na n’anibereɛ abaa bɛhi.
9 Mmb 19.17 Oyamyiefoɔ nya nhyira,
na ɔde n’aduane bi ma mmɔborɔni.
10 Mmb 26.20; Gye 21.9-10 Pamo fɛdifoɔ na ntɔkwa bɛfiri adi,
na akasakasa ne nsopa to atwa.
11 Dwom 101.6 Deɛ ɔdɔ akoma mu teɛ na n’anomu kasa yɛ dɛ no,
n’adamfo ne ɔhene.
12AWURADE ani kora onimdefoɔ,
na ɔbutu ɔkɔnkɔnsani asɛm.
13 Mmb 26.13 Ɔkwadwofoɔ se: Gyata wɔ adihɔ,
wɔbɛku me, mmorɔno so!
14 Mmb 5.3-4; 23.27 Mmaa asansafoɔ ano yɛ amena donkodonko,
deɛ AWURADE apo no no bɛhwe mu.
15 Mmb 23.14; 29.17 Agyimisɛm kyekyere abɔfra akoma ho,
atenetene abaa bɛma no afiri ne ho.
16Deɛ ɔhyɛ mmɔborɔni soɔ de dɔre n’adeɛ,
anaa ɔde n’adeɛ ma ɔdefoɔ no, hia na ɛbɛhia no.
17Brɛ w’aso ase tie anyansafoɔ kasa,
na fa w’akoma to me nimdeɛ so.
18Na ɛyɛ fɛ sɛ wode bɛsie wo yam,
na ne nyinaa abom afam w’ano.
19Deɛ ɛbɛyɛ na wode wo ho ato AWURADE soɔ no,
merema woahunu nnɛ, wo ara!
20Menkyerɛɛ wo nsɛnkunini aduasa,
afotuo ahodoɔ ne nimdeɛ mu,
21sɛ mɛma woahunu nokorɛ nsɛm asetim,
na wode nokwasɛm akɔbua wɔn a wɔsoma woɔ no anaa?
22Mmɔ mmɔborɔni korɔno, sɛ ɔyɛ mmɔborɔni nti,
na ntiatia amanehununi so kuro pono mu.
23 Mmb 23.11 Na AWURADE bɛdi wɔn asɛm ama wɔn,
na wɔn a wɔfom wɔn fa no, ɔbɛfom wɔn kra afa.
24 Mmb 29.22 Ɛne obufufafoɔ mmfa yɔnkoɔ,
na ɛne ɔbarima niberefoɔ mmmɔ,
25na woansua n’akwan,
na woannya fidie amma wo kra.
26 Mmb 6.1 Nyɛ wɔn a wɔdi agyinamu no mu bi,
wɔn a wɔdi akagyinamu no.
27Sɛ wonni biribi a wode bɛtua a,
adɛn nti na ɔnnye w’ase kɛtɛ no?
28 Mmb 23.10; Deut 27.17 Ntwe tete hyeɛ
a w’agyanom abɔ ato hɔ no.
29 Mmb 21.5 Woahunu onipa a ɔyɛ nsi wɔ n’adwuma ho?
Ɔno na ɔbɛgyina ahemfo anim,
na ɔrennyina mpapahwekwaa anim.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.