Habakuk NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

NHYƐNMUOdiyifoɔ Habakuk nwoma yi baeɛ wɔ ɛberɛ a na aka kakraa bi na mfeɛ ahanson ansa na wɔrewo Kristo (B.C.) no reba awieeɛ. Saa berɛ no na Babelfoɔ di tumi. Ɛhaa no yie mmerɛ a ɔhunuu saa nnipa yi atuateɛ ne wɔn atirimuɔden no, na ɔbisaa AWURADE sɛ: Adɛn nti woayɛ komm na wɔsɛe nnipa a wɔyɛ ateneneefoɔ sene wɔn? (1.13) Na AWURADE buaa no sɛ; mmerɛ a ɛsɛ mu no, wɔbɛhu ne tumi, na mmom, wɔn a wɔyɛ ateneneefoɔ no bɛtena ase ɛfiri sɛ wɔdi nokorɛ ma Onyankopɔn (2.4).Nwoma no nkaeɛ hyɛ nkɔm sɛ: Onipa bɔnefoɔ bɛhunu amane, na ɔde dwom awie de akamfo Onyankopɔn kɛseyɛ na ayi ɔtwerɛfoɔ no adi sɛ onipa a ɔwɔ gyidie.EMU NSƐMHabakuk anwiinwii ne AWURADE mmuaeɛ 1.1—2.4Abɔnefoɔ akatua 2.5-20Habakuk mpaebɔ 3.1-19
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help