Yesaia 52 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nhyia no ho siesie

1O Sion, nyane ɛ, nyane ɛ!

hyɛ w’ahoɔden!

O Yerusalem, kuro kronkron,

hyɛ w’animuonyam atadeɛ!

na momonotoni ne deɛ ne ho nteɛ biara

renkɔ so nhyɛne wo mu bio.

2Yerusalem, sɔre porepore wo ho mfuturo gu!

O Yerusalem a wɔafa wo dommum;

Sion babaa a wɔafa wo dommum,

sanesane wo kɔn mu nkyehoma!

3 Yes 50.1 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔantɔn mo annye hwee, na ɛnyɛ sika na wɔde bɛgye mo.

4Na sɛ AWURADE Nyankopɔn ka nie: Me man siane kɔɔ Misraim akane no kɔyɛɛ hɔ ahɔhoɔ, na Asiria nso hyɛɛ wɔn so kwa.

5Hes 36.20 Na afei, ɛdeɛn na mewɔ meyɛ no ha, AWURADE asɛm nie, na wɔafa me man kwa yi? Wɔn a wɔdi wɔn soɔ no twa adwo, AWURADE asɛm nie, na wɔka me din ho abususɛm daa daa nyinaa.

6Saa nti me man bɛhunu me din, saa nti da no ara wɔbɛhunu sɛ me ara mene deɛ ɔka sɛ: Menie.

Wɔn a wɔagye wɔn no saneba

7 Nah 1.15; Rom 10.15; Sak 9.9 Sɛdeɛ obi a ɔnam mmepɔ soɔ ka asɛmpa no

nan si yɛ fɛ fa!

Ɔno na ɔka asomdwoeɛsɛm, ɔka papa ho asɛmpa,

ɔma wɔte nkwagyeɛ asɛm,

na ɔka kyerɛ Sion sɛ: Wo Nyankopɔn di hene!

8 Yes 56.10; 62.6; Hes 3.17 Tie! w’awɛmfoɔ bom ma wɔn nne so

to ahurisie dwom;

ɛfiri sɛ wɔn ani tua

AWURADE sɛ ɔresane aba Sion.

9Yerusalem amamfo,

mommom nto anigyeɛ dwom,

na AWURADE akyekyere ne man werɛ,

wagye Yerusalem.

10 Yes 53.1 AWURADE ayi ne basa kronkron no ho,

amanaman nyinaa anim,

na asase ano nyinaa ahunu

yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.

11 Yes 48.20; 2 Ko 6.17 Montwe mo ho, montwe mo ho mfiri hɔ nkɔ,

monnka adeɛ a ɛho nteɛ;

momfiri adi mfiri ne mu, monte mo ho,

mo a mosoa AWURADE nnwinneɛ no.

12 Eks 12.11 Na ɛnyɛ ɛherɛ so na mobɛfiri adie,

na ɛnyɛ dwane so na mobɛnanteɛ,

na AWURADE redi mo anim,

na Israel Nyankopɔn abɔ mo kyidɔm.

Nyankopɔn akoa no amanehunu

13 Yes 42.1 Hwɛ, m’akoa bɛdi yie,

wɔbɛpagya, na wɔama no so

na wakorɔn sɛ.

14Sɛdeɛ ne ho yɛɛ nnipa pii ahodwirie no,

ɛsiane sɛ n’anim asɛe a ɛnte sɛ onipa deɛ,

na ne nipaban nte sɛ nnipa mma deɛ bio no nti,

15 Yes 65.1; Rom 15.21 saa ara na ɔbɛma amanaman pii abobɔ pirie,

na ahemfo amuamua wɔn ano wɔ ne ho,

ɛfiri sɛ deɛ wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wɔhunu,

na deɛ wɔntee da no, wɔte aseɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help