1 Berɛsosɛm 27 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Asafohene dummienu no

1Na Israel mma a wɔabu wɔn ano agyanom atitire, ne mpem mpem ne ɔha ha so asafohene, ne wɔn ahwɛfoɔ a wɔsom ɔhene akuo akuo ahodoɔ no nsɛm nyinaa mu, wɔn a wɔba ne wɔn a wɔfiri adi bosome biara, afe mu abosome nyinaa mu nkyekyɛmu mmaako mmaako no yɛ nnipa mpemaduonu nnan.

2 1 Be 11.11-31 Bosome a ɛdi kan mu kuo a ɛdi kan no so na Yasobeam Sabdiel ba die, na ne nkyekyɛmu no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

3Ɔfiri Peres mma mu na ɔdi dɔm asafohene nyinaa so, bosome a ɛdi kan no mu.

4Na bosome a ɛtɔ so mmienu no kuo so na Ahohini Dodai die, na ne kuo so bapɔmma ne Miklot; na ne kuo no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

5Bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no dɔm so safohene a ɔtɔ so mmiɛnsa ne Ɔsɔfoɔ Yehoiada ba Benaia, ɔyɛ panin, na ne kuo no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

6Ɔno Benaia ne aduasa no mu dɔmmarima a ɔdi aduasa no soɔ, na ne ba Amisabad fra ne kuo mu.

7Deɛ ɔtɔ so nnan, bosome a ɛtɔ so nnan mu, ne Yoab ne nua Asahel, na ne ba Sebadia wɔ n’akyi, na ne kuo no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

8Deɛ ɔtɔ so nnum bosome a ɛtɔ so nnum mu ne ɔsafohene Yisrahini Samhut, na ne nkyekyɛmu mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

9Deɛ ɔtɔ so nsia bosome a ɛtɔ so nsia mu, ne Tekoani Ikes ba Ira, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

10Deɛ ɔtɔ so nson, bosome a ɛtɔ so nson, mu ne Pelonni Heles a ɔfiri Efraim mma mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

111 Be 20.4 Deɛ ɔtɔ so nwɔtwe, bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu, ne Husani Sibekai a ɔfiri Serafoɔ mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

12Deɛ ɔtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so nkron mu, ne Anatotni Abieser a ɔfiri Benyaminfoɔ mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

13Deɛ ɔtɔ so du, bosome a ɛtɔ so du mu, ne Netofani Maharai a ɔfiri Serafoɔ mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

14Deɛ ɔtɔ so dubaako, bosome a ɛtɔ so dubaako mu, ne Piratonni Benaia a ɔfiri Efraim mma mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

15Deɛ ɔtɔ so dummienu, bosome a ɛtɔ so dummienu mu, ne Netofani Heldai a ɔyɛ Otniel aseni, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

Mmapɔmma no

16Na wɔn a wɔdi Israel mmusuakuo no soɔ nie: Rubenfoɔ bapɔmma ne Sikri ba Eliesa; Simeonfoɔ mu: Maaka ba Sefatia;

17Lewifoɔ mu: Kemuel ba Hasabia; Aaron asefoɔ mu: Sadok;

18Yuda mu: Elihu a ɔfiri Dawid nuanom mu; Isakar mu: Mikael ba Omri;

19Sebulon mu: Obadia ba Yismaia; Naftali mu: Asriel ba Yerimot;

20Efraim mma mu: Asasia ba Hosea; Manase abusuakuo fa mu: Pedaia ba Yoel;

21Manase abusuakuo fa a ɛwɔ Gilead no mu: Sakaria ba Ido; Benyamin mu: Abner ba Yaasiel;

22Dan mu: Yeroham ba Asarel. Yeinom ne Israel mmusuakuo so asafohene.

23Gye 22.17 Na Dawid ammu wɔn a wɔnnii mfirinhyia aduonu, ɛfiri sɛ AWURADE aka sɛ ɔbɛma Israel adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma.

241 Be 21.14 Seruia ba Yoab firi aseɛ kanee, na wanwie. Na yei nti abufuo baa Israel so, na dodoɔ no, wɔantwerɛ no Ɔhene Dawid berɛsosɛm nwoma no mu.

Dawid nhenkwaa ne ne mpanimfoɔ

25Na ɔhene akoradeɛ no so na Adiel ba Asmawet ɔhwɛ, na akoradeɛ a ɛwɔ asase no soɔ, nkuro ne nkurowa ne abantenten mu no so na Usia ba Yonatan hwɛ.

26Na wɔn a wɔyɛ mfuo mu adwuma dɔ asase no so na Kelub ba Esri die.

27Na bobe nturo so na Ramatni Simei die, na bobe nturo no mu akoransa no so na Sifimni Sabdi die.

28Na ngo nnua ne akyee a ɛwɔ mpaperɛ soɔ no so na Gederni Baal-hanan die. Na ngo akoradeɛ no so na Yoas die.

29Na anantwie a wɔyɛne wɔn Saron no so na Saronni Sitrai die, na mmonhwa no mu anantwie so na Adlai ba Safat die.

30Na yoma so na Ismaelni Obil hwɛ, na mfunumu so na Meronotni Yehedia hwɛ.

31Na nnwan so na Hagarni Yasis hwɛ. Yeinom nyinaa yɛ Ɔhene Dawid nnoɔma so ahwɛfoɔ.

32Na Dawid n’agya nua Yonatan ne ɔfotufoɔ, ɔyɛ ɔbarima nhunumufoɔ, na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ nso. Ɔno ne Hakmoni ba Yehiel na ɔtetee ɔhene mma no.

332 Sa 15.12; 15.37 Na Ahitofel ne ɔhene fotufoɔ, na Arkini Husai ne ɔhene adamfo.

342 Sa 8.16 Na Ahitofel akyi na Benaia ba Yehoiada ne Abiatar diiɛ. Na ɔhene no sahene ne Yoab.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help