2 Petro NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)
NHYƐNMUWɔtwerɛɛ Petro krataa a ɛtɔ so mmienu no kɔmaa Akristofoɔ a na wɔdɔɔso a wɔdii kan no. Ne botaeɛ titire pa ara ne sɛ ɔbɛko atia atorɔ nkyerɛkyerɛ ne abrabɔ bɔne a ɛfiri mu ba no. Wɔhunu amaneɛ yi ho mmuaeɛ wɔ kura a wɔbɛkura Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nokorɛ nimdeɛ mu. Ɛno ne deɛ wɔateɛ afiri nnipa bi a wɔn ankasa hunui na wɔtiee Yesu anomu nkyerɛkyerɛ no. Adeɛ titire a ɛha ɔtwerɛfoɔ no ne sɛ, ebinom kyerɛkyerɛ sɛ Yesu rensane mma bio. Ɔka sɛ deɛ ɛda adi pefee wɔ kyɛre a Kristo akyɛre wɔ ne mmaeɛ ho ne sɛ, “Onyankopɔn mpɛ sɛ onipa biara bɛsɛe na mmom ɔpɛ sɛ obiara sakyera firi wɔn bɔne ho.”EMU NSƐMAhyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu 1.1-2Kristoni frɛ no 1.3-21Akyerɛkyerɛfoɔ atorofoɔ 2.1-22Kristo mmaeɛ a ɛdi awieeɛ 3.1-18