1Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba,
na AWURADE animuonyam apue wo so.
2Na hwɛ, esum bɛkata asase so,
na esum kabii akata aman so;
nanso AWURADE bɛpue wo so
na n’animuonyam abɛda adi wo so.
3 Adi 21.24 Na amanaman bɛnante aba wo hann no ho, na ahemfo aba hyerɛn a apue wo soɔ no ho.
4 Yes 49.18; 66.12 Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia, na hwɛ;
wɔn nyinaa aboa ano reba wo nkyɛn;
wo mmabanin firi akyirikyiri reba,
na wo mmammaa nso, wɔturu wɔn wɔn nkyɛn mu reba.
5Ɛno na wobɛhunu, na w’anim ate,
w’akoma de ahosɛpɛ bɛdi ahurisie,
ɛfiri sɛ ɛpo ahonyadeɛ dodoɔ redane abɛyɛ wo deɛ,
amanaman ahodeɛ reba wo nkyɛn.
6 Dwom 72.10; Mat 2.1-11 Yoma manyamanya bɛkata wo so,
Midian ne Efa yomaforɔ no.
Wɔn nyinaa firi Seba reba,
sika ne ohwamfufuo na wɔsoso,
na wɔbɛka AWURADE ayeyie.
7Wɔbɛboa Kedar nnwankuo nyinaa ano abrɛ wo,
Nebaiot adwennini bɛsom wo;
wɔde anisɔ bɛforo m’afɔrebukyia,
na mɛhyɛ m’animuonyam fie no animuonyam.
8Hwannom ne yeinom a wɔtu sɛ mununkum,
ne mmuburo a wɔba wɔn buo mu yi?
9Aane, me na mpoano aman bɛtwɛn me,
na Tarsis ahyɛn na ɛbɛdi kan,
na wɔde wo mma firi akyirikyiri aba
a wɔn dwetɛ ne wɔn sika ka wɔn ho,
wɔde rebrɛ AWURADE wo Nyankopɔn din,
ne Israel Kronkronni no,
ɛfiri sɛ ɔno na wahyɛ wo animuonyam.
10 Yes 54.7-8 Na ananafoɔ bɛto w’afasuo,
na wɔn ahemfo asom wo;
na m’abufuo mu na mehwee woɔ,
na m’adɔeɛyɛ mu na mahu wo mmɔbɔ.
11 Adi 21.25-26 Na wo kuro apono ano bɛda hɔ daa,
wɔrentoto mu awia ne anadwo,
na nkurɔfoɔ de amanaman ahonyadeɛ abrɛ wo
a wɔn ahemfo di wɔn anim.
12Na ɔman ne ahennie a ɛrensom woɔ no bɛgu,
na saa aman no, sɛeɛ na wɔbɛsɛe wɔn pasaa.
13Lebanon animuonyam bɛba wo nkyɛn,
ne pepeaa, sɛsɛ ne kwabɔhorɔ
bɛbom ahyehyɛ me kronkronbea hɔ;
na mɛhyɛ me nantiabea animuonyam.
14 Yes 14.2; 49.23 Na wo nhyɛsofoɔ mma
de akotoakotoɔ bɛba wo nkyɛn,
na wɔn a wɔbuu wo animtia nyinaa
bɛba abɛbum wo nan ase,
na wɔafrɛ wo AWURADE Kuro,
Israel Kronkronni no Sion.
15Deɛ anka wɔgya woɔ na wɔtane woɔ
na obiara biara mfa wo mu no,
mɛma wo ayɛ kɛseɛ,
na mayɛ wo awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ anigyedeɛ.
16 Yes 49.23 Na wobɛnum amanaman nufoɔ,
na woanum ahemfo mpokua;
na woahunu sɛ me, AWURADE, mene w’agyenkwa
ne wo Gyefoɔ, Yakob Tumfoɔ no.
17 Yes 52.7 Kɔbere ananmu na mede sika bɛsi maba,
na dadeɛ ananmu na mede dwetɛ bɛsi maba,
na kɔbere mfrafraeɛ asi nnua ananmu,
na dadeɛ asi aboɔ ananmu.
Na mɛma asomdwoeɛ adi wo so panin ahwɛ wo,
na mede tenenee mayɛ wo kafoɔ.
18 Yes 26.1 Wɔrente nhyɛsoɔ nka w’asase so bio,
wɔrente ɔsɛeɛ ne bubuo nka w’ahyeɛ mu;
na wobɛfrɛ w’afasuo Nkwagyeɛ,
ne wo kuro apono nso Ayeyie.
19 Yes 24.23; 30.26; Adi 21.23 Ɛnyɛ owia na
ɛbɛyɛ wo hann awia bio,
na ɔhyerɛn nso, ɛnyɛ ɔsrane
na ɛbɛharan ama wo anadwo,
na mmom AWURADE na ɔbɛyɛ wo daa hann,
na wo Nyankopɔn ayɛ w’animuonyam.
20Wo wia rentɔ bio,
na wo srane nso renwu,
na AWURADE bɛyɛ wo daa hann,
na w’abooboodie nna awie sa.
21Na wo man deɛ, wɔn nyinaa bɛyɛ teneneefoɔ,
wɔbɛdi asase no so akɔsi daa;
wɔbɛyɛ me tɛdua duban a afefɛ,
me nsa ano adwuma a ɛhyɛ me animuonyam.
22Deɛ ɔsua koraa no bɛdane abusua,
na akumaa koraa adane ɔman a ɛyɛ den.
Me, AWURADE,
mɛyɛ no ntɛm ne berɛ mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.