2 Korintofoɔ 9 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Wɔnyi toɔ ansa na Paulo aba

1 2 Ko 8.4; 8.20 Na ɛfa ahotefoɔ som no ho deɛ, ɛnhia sɛ metwerɛ mo;

22 Ko 8.19 ɛfiri sɛ menim ɛho adwene a mowɔ a mede mehoahoa me ho mekyerɛ Makedoniafoɔ, sɛ Akaiafoɔ siesiee wɔn ho afe ni. Na mo mmɔdemmɔ no akɔkanyan nnipa bebree.

32 Ko 8.24 Nanso masoma anuanom yi, na yɛn ahohoahoa a yɛhoahoa no mo ho no anyɛ kwa, na sɛdeɛ mekaeɛ no, moasiesie mo ho,

4na sɛ Makedoniafoɔ bi ne me ba, na wɔbɛto mo sɛ monsiesiee mo ho a, yɛn mpo yɛn ani bɛwu — nyɛ mene mo mmom — sɛ yɛde yɛn ho too mo soɔ.

5Enti medwene sɛ ɛhia sɛ metu anuanom no foɔ sɛ wɔnni yɛn anim mmra mo nkyɛn na wɔmmɛsiesie mo nhyira a mahyɛ aseɛ masie no nto hɔ, na ada hɔ sɛ nhyira, na ɛnyɛ sɛ anibereɛ.

Deɛ yɛguo na yɛbɛtwa

6 Mmb 11.24; 19.17 Na yei deɛ, deɛ ɔdua no kyenkyenee mu no bɛtwa no kyenkyenee mu, na deɛ ɔdua no bafuu no bɛtwa no bafuu.

7Rom 12.8 Sɛdeɛ obiara asusu n’akoma mu no, ɔmma, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ mu, ɛfiri sɛ deɛ ɔte n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.

8Na Onyankopɔn bɛtumi sɛ ɔma adom nyinaa boro so ma mo, na nnoɔma nyinaa mu ne daa nyinaa moanya deɛ ɛdɔɔso ma mo nyinaa, na moaboro so adwuma pa nyinaa mu,

9Dwom 112.9 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Ɔto pete, ɔde ma ahiafoɔ,

ne tenenee no wɔ hɔ daa.

Ayamyɛ so aba

10 Yes 55.10; Hos 10.12 Na deɛ ɔde aba ma ogufoɔ na ɔma paanoo sɛ aduane no, ɔbɛma aba a moguo no, na wama no adɔɔso, na wama mo tenenee aba no ase adɔre.

112 Ko 1.11; 4.15 Na moanya mo ho biribiara mu, ama ayamyɛ nyinaa a ɛnam yɛn so no ama Onyankopɔn anya aseda.

122 Ko 8.14 Ɛfiri sɛ ɔsom yi ho adwuma deɛ, ɛnyɛ sɛ wɔde bɛyɛ deɛ ɛhia ahotefoɔ no nko ara, na mmom ɛnam aseda bebree a wɔde da Onyankopɔn no so bɛboro so.

13Na wɔnam mo som a wɔhunu so, bɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam wɔ mo setie a mode ka Kristo asɛmpa no, ne mo ayamyɛ a mode boa wɔn ne nnipa nyinaa mu,

14na wɔn ara nso bɛbɔ mpaeɛ ama mo, na Nyankopɔn adom a aboro so agu mo soɔ no nti, wɔn ani bɛgyina mo.

15Na aseda nka Onyankopɔn wɔ n’akyɛdeɛ a ɛnni kabea no ho!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help