Ɔsɛnkafoɔ 6 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ahonyadeɛ ne animuonyam nso yɛ ahuhudeɛ

1Bɔne bi wɔ hɔ a mahunu owia yi aseɛ, na ɛdɔɔso nnipa so:

2Ɔsɛ 2.18 Obi a Onyankopɔn ama no ahonyadeɛ ne adedodoɔ ne animuonyam, na deɛ ɛyɛ no akɔnnɔ mu biara mmɔ ne kra, nanso Onyankopɔn mma no ho kwan sɛ ɔnni bie, na ɔnanani bi na ɔdie, yei deɛ, ahuhudeɛ ne ayayadeɛ ne no.

3Sɛ obi wo mma ɔha na ɔdi mfeɛ pii, na ne mfeɛ mu nna dɔɔso bebree, na papa ammee ne kra na wɔansie no yie a, mese, mpo ɔpɔn ba yɛ sene no.

4Na ɔba no adehunu mu, na esum mu na ɔkorɔ, na esum na ɛkata ne din soɔ,

5owia nso wanhunu na ɔnnim, ɔhome wɔ hɔ ma oyi sene ɔno.

6Na sɛ mpo ɔdi mfeɛ apem mmɔho, nanso wannya mu papa biara a, ɛnyɛ faako na wɔn nyinaa korɔ?

7Onipa brɛ nyinaa, ɔbrɛ ma n’ano, nanso n’akɔnnɔ mmee no da.

8Na ɛdeɛn na onyansafoɔ de sene ɔkwasea? Ɛdeɛn nso na ohiani a ɔnim ateasefoɔ mu abrabɔ no de kyɛne soɔ?

9Deɛ ɛwɔ hɔ a aniwa hu no yɛ sene deɛ akɔnnɔ kyini hwehwɛ. Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.

10Deɛ ɛwɔ hɔ biara no, na wɔabɔ ne din dada, na wɔnim sɛdeɛ onipa si teɛ, na wɔnim nso sɛ ɔntumi ne deɛ ɔyɛ den sene no no nham.

11Na nsɛm pii wɔ hɔ a ɛma ahuhudeɛ dɔɔso; mfasoɔ bɛn na onipa nya?

121 Be 29.15; Dwom 90.5 Na hwan na ɔnim deɛ ɛyɛ ma onipa, nkwa mu, ne nkwa huhuo mu, na nna dodoɔ a ɔdie sɛ sunsum no? Na hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ onipa deɛ ɛbɛba wɔ ne wuo akyi?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help