Yosua 12 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nsase a Mose faeɛ no so ahemfo baanu ho asɛm

1Na yeinom ne asase no so ahemfo a Israelfoɔ no kunkumm wɔn na wɔdii wɔn asase soɔ wɔ Yordan agya deɛ owiapueeɛ hɔ, firi Arnon subonhwa ho de kɔsi Hermon bepɔ ho ne Araba a ɛwɔ apueeɛ no nyinaa so,

2Num 21.24 Amorifoɔ hene Sihon a ɔtenaa Hesbon a ɔdii hene firi Aroer a ɛda Arnon subonhwa nsunoa ne subonhwa no mfimfini ne Gilead fa de kɔsi Yabok subonhwa a ɛne Amonfoɔ hyeɛ no ano,

3ne Araba so de kɔsi Kinerot po no ano apueeɛ fam, na ɛde kɔsi Araba po no a ɛne Nkyene Po no ano, apueeɛ Bet-yesimot kwan so, ne anafoɔ fam Pisga bepɔ ase no;

4Num 21.33; Deut 3.11 ne Basan hene Og a ɔfiri abrane akɛseɛ a aka no mu a ɔtenaa Astarot ne Edrei no asase no.

5Na ɔdii hene Hermon bepɔ so ne Salka ne Basan nyinaa de kɔsi Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ hyeɛ so ne Gilead fa, Hesbon hene Sihon hyeɛ ho.

6Num 32.33 AWURADE akoa Mose ne Israelfoɔ no kunkumm wɔn, na AWURADE akoa Mose de asase no maa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no maa wɔdii so.

Ahemfo a Yosua kumm wɔn

7Na yeinom ne asase no so ahemfo a Yosua ne Israelfoɔ no kunkumm wɔn Yordan agya atɔeɛ fam, firi Baal-gad a ɛda Lebanon bonhwa no mu de kɔsi bepɔ a ɛso petee a ɛforo de kɔ Seir no ho; (na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuo sɛ wɔnni so sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu no teɛ,

8Yos 11.3 mmepɔ no so ne ɛpo ho Araba so ne mmepɔ no ase ne ɛserɛ no so ne anafoɔ no: Hetifoɔ, Amorifoɔ ne Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase no):

9Yos 6.2; 8.29 Yerikohene, Ai a ɛwɔ Betel ho hene,

10Yos 10.1, 3 Yerusalemhene, Hebronhene,

11Yos 10.3 Yarmuthene, Lakishene,

12Yos 10.3, 26, 33 Eglonhene, Geserhene,

13Yos 10.39; Ate 1.11 Debirhene, Gederhene,

14Ate 1.17; Num 21.1 Hormahene, Aradhene,

15Yos 10.29-30 Libnahene, Adulamhene,

16Yos 10.28 Makedahene, Betelhene,

17Tapuahene, Heferhene,

18Yos 15.53; 1 Sa 4.1 Afekhene, Lasaronhene,

19Yos 11.1, 10 Madonhene, Hasorhene,

20Yos 11.1 Simron-meronhene, Aksafhene,

21Taanakhene, Megidohene,

22Kedeshene, Yokneam a ɛwɔ Karmel ase no hene,

23Yos 11.2 Dor a ɛwɔ Dor kokoɔ soɔ hene, amanaman a ɛwɔ Gilgal no hene,

24Tirsahene, — ahemfo no nyinaa yɛ aduasa baako.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help