Numeri NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)
NHYƐNMUNumeri Nwoma no ka abakɔsɛm a ɛfa Israelfoɔ mfeɛ aduanan a wɔde twaa kwan firi Sinai Bepɔ ho de kɔduruu bɔhyɛ asase no hyeɛ so wɔ apueeɛ famu. Numeri Nwoma no ka Israelfoɔ abakɔsɛm no mu ɛfa titire bi ho asɛm. Ɛfa kan a Mose kanee Israelfoɔ no hunuu wɔn dodoɔ wɔ Sinai Bepɔ no ho, ansa na wɔretu afiri hɔ akɔ. Wɔsane kanee wɔn bio wɔ Moab asase so wɔ Asuo Yordan famu mfeɛ aduasa akyi. Israelfoɔ no de mmerɛ a ɛda nipakan a ɛdi kan ne deɛ ɛtɔ so mmienu no ntamu no, kɔ kɔduruu Kades Barnea wɔ Kanaan anafoɔ famu tɔnn; nanso wɔantumi amfa hɔ ankɔ bɔhyɛ asase no so. Wɔtenaa Kades Barnea kyɛree pa ara, ansa na wɔretutu so akɔ asase a ɛda asuo Yordan famu no so. Ɛha na wɔn mu binom tenae afebɔɔ, na wɔn a wɔkae no nso siesiee wɔn ho twaa asuo no kɔɔ Kanaan.Numeri Nwoma no kaa ɔman bi a mpɛn pii wɔhyiaa amane maa wɔsuroe yie a wɔpaa aba no ho asɛm. Wɔtee Onyankopɔn ne Mose a Onyankopɔn yii no sɛ wɔnni wɔn anim no so atua. Israelfoɔ mmerɛyɛ ne wɔn asoɔden nyinaa akyi no, Onyankopɔn dii wɔn nokorɛ hwɛɛ wɔn so daa nyinaa. Ɛka Mose nokorɛdie ho asɛm saa ara. Ɛwɔ mu sɛ ɛtɔ da bi a na ɔntumi nto ne bo ase deɛ, nanso ɔyii ne yam somm Onyankopɔn ne ne manfoɔ nokorɛ mu.EMU NSƐMIsraelfoɔ boaboa wɔn ho tu firii Sinai Bepɔ no ho 1.1—9.231. Nnipakan no 1.1—4.492. Mmara ne nhyehyɛɛ ahodoɔ 5.1—8.263. Twam Afahyɛ a ɛtɔ so mmienu 9.1-23Ɛfiri Sinai Bepɔ so kɔ Moab 10.1—21.35Deɛ ɛsii wɔ Moab asase so 22.1—32.42Akwantuo a ɛfiri Misraim kɔɔ Moab mu nsɛm tiawa 33.1-49Deɛ wɔkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ ansa na wɔatwa Asuo Yordan 33.50—36.13