1Ao, AWURADE, yɛn Awurade,
enim bɛn na wo din nni
asase nyinaa soɔ!
Wo a wode w’animuonyam akata ɔsoro.
2 Mat 21.16 Wo a w’animuonyam pue firi mmɔfra ne nkɔkoaa anomu.
Wo na woasiesie abankɛseɛ, w’atamfo nti,
na wode amua ɔtamfoɔ ne ɔweretɔfoɔ ano.
3 Dwom 19.1 Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma,
ɔsrane ne nsoromma a woasiesie a,
4 Dwom 144.3; Heb 2.6-9 ɔdasani ne hwan a wokae no,
na onipa ba ne hwan a w’ani ku ne ho!
5 Gye 1.26 Na woama aka no kakraa bi na wasɛ Onyame,
na wode animuonyam ne anidie abɔ no abotire.
6 Mat 28.18; 1 Ko 15.27 Woama no adi wo nsa ano nnwuma so,
wode nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nan ase:
7Aane, nnwan ne anantwie nyinaa
ne wiram mmoa nso,
8ewiem nnomaa ne ɛpo mu mpataa,
mmoa a ɛnam ɛpo mu akwan soɔ.
9Ao, AWURADE, yɛn Awurade,
enim bɛn na wo din nni asase nyinaa soɔ!
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
