1 Berɛsosɛm 10 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Saulo wuo(1 Samuel 31.1-13)

1 1 Sa 31 Na Filistifoɔ ne Israel koeɛ. Na Israel mmarima no dwanee wɔ Filistifoɔ anim, na wɔtotɔe wɔ Gilboa bepɔ so.

2Na Filistifoɔ tu saa Saulo ne ne mma, na Filistifoɔ kumm Yonatan, Abinadab ne Malkisua a wɔyɛ Saulo mma no.

3Na ɔko no den Saulo so, na agyantofoɔ bɛtoo no, na agyantofoɔ no too agyan wɔɔ no.

4Na Saulo ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani sɛ: Twe wo nkrantɛ na fa wɔ me, na momonotofoɔ yi amma ammɛbɔ me adapaa. Na n’akodeɛkurani no ampene, na ɔsuroo pii. Enti Saulo faa ne nkrantɛ na ɔhwee so.

5Na n’akodeɛkurani no hunuu sɛ Saulo atɔ no, ɔno nso hwee ne nkrantɛ so na ɔtɔe.

6Na Saulo wui, na ne mma baasa no ne ne fiefoɔ nyinaa totɔɔ prɛko.

7Na Israelfoɔ a wɔwɔ bonhwa no mu nyinaa hunuu sɛ asraafoɔ no adwaneɛ, na Saulo ne ne mma atotɔ no, wɔgyigyaa wɔn nkuro hɔ dwanee. Na Filistifoɔ ba bɛtenatenaa mu.

8Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, Filistifoɔ baa atɔfoɔ no ho nnoɔma yiyie, na wɔhunuu Saulo ne ne mma baasa no sɛ wɔatotɔ Gilboa bepɔ soɔ.

9Na wɔyiyii wɔn ho nnoɔma, na wɔfaa ne ti ne n’akodeɛ soma maa wɔde kyinii Filistifoɔ asase so, sɛ wɔnkɔpae nkyerɛ wɔn ahoni ne ɔman no.

10Na wɔde n’akodeɛ no kɔsiee wɔn anyame fie, na ne tikwankoraa deɛ, wɔde kɔfam Dagon fie.

11Na Yabes-gileadfoɔ nyinaa tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo nyinaa no,

122 Sa 2.5 akofoɔ no nyinaa sɔresɔree, na wɔkɔfaa Saulo amu, ne ne mma no amu no, na wɔde baa Yabes, na wɔbɛsiee wɔn nnompe no dupɔn a ɛwɔ Yabes no ase, na wɔdii mmuada nnanson.

131 Sa 15.11; 28.8 Na Saulo wui ne fom a ɔfom AWURADE no, ne AWURADE asɛm a wanni soɔ no, ne sɛ nso ɔkɔbisaa samanfrɛni hɔ adeɛ hwehwɛɛ n’akyiri kwan.

14Na wanhwehwɛ AWURADE akyiri kwan nti, na ɔkumm no, na ɔdanee ahennie no maa Yisai ba Dawid.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help