1 Deut 6.20-25 Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate,
yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn sɛ:
Woayɛ adwuma bi wɔn berɛ so,
tete mmerɛ no mu.
2Wode wo nsa pamm amanaman,
na wɔn deɛ, woduaa wɔn.
Wobɔɔ aman, na wɔn deɛ,
wotrɛɛ wɔn mu.
3Na ɛnyɛ wɔn ara afena na wɔde nyaa asase no,
nanso ɛnyɛ wɔn ara nsa na ɛgyee wɔn,
na mmom ɛyɛ wo nifa ne wo basa
ne w’anim hann,
ɛfiri sɛ wopɛ wɔn.
4 Dwom 74.12 Wo, Onyankopɔn, wone me Hene,
hyɛ na Yakob nnya nkwagyeɛ ara nko.
5Wo so na yɛnam sum ahohiahiafoɔ guo,
wo din mu na yɛtiatia wɔn a wɔsɔre tia yɛn no soɔ.
6 Dwom 20.7 Na memfa me ho mento me tadua so,
na m’afena nso rennye me.
7Na woagye yɛn yɛn ahohiahiafoɔ nsam,
na woahyɛ wɔn a wɔtane yɛn aniwuo.
8Nyankopɔn mu na yɛhoahoa yɛn ho da mu nyinaa,
na yɛyi wo din ayɛ daapem.
9Nanso woato yɛn agu, na woabɔ yɛn ahohora,
na wo ne yɛn dɔm ankɔ.
10Womaa yɛdanee yɛn akyiri kyerɛɛ yɛn ahodwanfoɔ,
na wɔn a wɔtane yɛn fom yɛn fa.
11Wode yɛn maa sɛ nnwan a wɔdie,
na woabɔ yɛn ahwete amanaman mu.
12Woantɔn wo nkurɔfoɔ annye hwee,
woamfa wɔn annye aboɔden.
13 Dwom 79.4; 1 Ah 9.7 Wode yɛn asi hɔ ama wɔn a wɔtete yɛn ho nsopa,
ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no fɛdie, ne ehuro.
14Wode yɛn ayɛ akasabebuo amanaman mu,
woma aman bobɔ wɔn tiri nko wɔ yɛn ho.
15Daa nyinaa m’ahohora da m’anim,
na aniwuo akata me so,
16deɛ ɔbɔ me ahohora na ɔsopa me no nne
ne ɔtamfoɔ ne ɔweretɔfoɔ nti.
17Yei nyinaa aba yɛn so,
nanso yɛn werɛ mfirii wo,
na yɛntwaa w’apam no ho nkontompo.
18Yɛn akoma nsanee n’akyi,
na yɛn anammɔn nteree wo kwan ho.
19Nanso woabubu yɛn pasaa, deɛ sakraman wɔ,
na wode esum kabii akata yɛn so.
20Sɛ yɛn werɛ afiri yɛn Nyankopɔn din
anaasɛ yɛatrɛ yɛn nsam akyerɛ onyame foforɔ a,
21 Dwom 7.9 ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɛhwehwɛ?
Na ɔno na ɔnim akoma mu ahuntasɛm.
22 Rom 8.36 Na wo nti na wɔku yɛn daa nyinaa,
wɔbu yɛn sɛ nnwan a wɔrekɔku wɔn.
23 Dwom 35.23 AWURADE, nyane ɛ, adɛn nti na woda?
Sɔre ɛ, nto yɛn ntwene koraa.
24 Dwom 10.1 Adɛn nti na woyi w’ani hunta,
na wo werɛ firi yɛn amaneɛ ne yɛn so hyɛ no?
25Na wɔabrɛ yɛn kra ase kɔ mfuturo mu,
yɛn yafunu butu fam.
26Sɔre bɛboa yɛn ɛ,
na gye yɛn, w’adɔeɛ nti!
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.